bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 21
Jeremiah 21
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 20
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 22 →
1
Asɛm a efi AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, bere a ɔhene Sedekia somaa Malkiya ba Pashur ne Maaseia ba ɔsɔfo Sefania baa ne nkyɛn sɛ:
2
Bisa AWURADE hɔ ade ma yɛn, efisɛ Babel hene Nebukadnesar ne yɛn rebedi ako, ebia AWURADE ne yɛn bedi sɛ n’anwonwade no nyinaa te no, na wafi yɛn so akɔ.
3
Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka nkyerɛ Sedekia sɛ:
4
Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, meredan mo nsam akode a mode ne Babel hene ne Kaldeafo a wɔabetua mo ɔfasu akyi reko no, na maboa ano maba kurow yi mfinimfini.
5
Na me ara mede nsa a ateɛ ne basa a ɛyɛ den ne abufuw ne abohuru ne anibere kɛse ne mo bɛko,
6
na mabɔ kurow yi mufo, nnipa ne mmoa. Owuyare kɛse ano na wobewuwu.
7
Na ɛno akyi no, AWURADE asɛm ni, meyi Yuda hene Sedekia ne ne nkoa ne ɔman no ne nnipa a wɔaka kurow yi mu a wɔafi owuyare ne afoa ne ɔkɔm mu no mahyɛ Babel hene Nebukadnesar nsa, ne wɔn atamfo nsa, ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsa, na wakunkum wɔn afoa ano, ɔrenkora wɔn so na ɔrenhu mma wɔn na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ.
8
Na ɔman yi nso, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede nkwa kwan ne owu kwan meregu mo anim,
9
nea ɔtena kurow yi mu no bewu afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na nea ofi adi na ɔkɔbɔ Kaldeafo a wobetua mo no so no, obenya nkwa, na ne kra adan no asade.
10
Na mede m’ani makari kurow yi, sɛ bɔne na ɛmmra no so, na ɛnyɛ papa, AWURADE asɛm ni, wɔde bɛhyɛ Babel hene nsa na ɔde ogya ahyew no.
11
Na ka kyerɛ Yuda hene fi sɛ: Muntie AWURADE asɛm.
12
Dawid fi, sɛ AWURADE se ni: Munni asɛntrenee anɔpa, na munyi nea wɔafow no mfi omimfo nsam, na m’abufuhyew amfi sɛ ogya ammɛhyew a obi rennum, mo nsɛnnii bɔne no nti.
13
Hwɛ, me ne mo a mote obon mu, asasetaw so botan so no anya, AWURADE asɛm ni, mo a moka sɛ: Hena na obesian aba yɛn so anaa hena na ɔbɛba yɛn tenabea no?
14
Na mɛba mabetua mo ka sɛ mo nsɛnnii aba te no, AWURADE asɛm ni, na mɛsɔ ogya, ne kwae mu, na ahyew nneɛma nyinaa ahyia ho.
← Chapter 20
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 22 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52