bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 28
Jeremiah 28
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 27
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 29 →
1
Na afe no ara mu, Yuda hene Sedekia ahenni mfiase, afe a ɛto so anan no, sram a ɛto so anum so, Asur ba odiyifo Hanania a ofi Gibeon no ka kyerɛɛ me AWURADE fi, asɔfo ne ɔman no nyinaa anim sɛ:
2
Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Mabubu Babel hene kɔndua no,
3
ɛha mfirihyia abien pɛ, mede AWURADE fi nneɛma a Babel hene Nebukadnesar bɛfa fii ha yi de kɔɔ Babel no nyinaa mɛsan aba ha yi.
4
Na Yuda hene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda atukɔfo a wɔkɔɔ Babel no nyinaa, mede wɔn mɛsan aba ha yi bio, AWURADE asɛm ni, na mebubu Babel hene kɔndua no.
5
Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania, asɔfo no ne ɔman a wogyinagyina AWURADE fi no nyinaa anim,
6
na odiyifo Yeremia kae sɛ: Saa? AWURADE mma ɛnyɛ sa! AWURADE mma wo nsɛm a worehyɛ nkɔm sɛ wɔde AWURADE fi nneɛma ne atukɔfo nyinaa befi Babel asan aba ɛha yi no mmra mu.
7
Nanso tie asɛm a mereka wo ne ɔman no nyinaa asom yi ɛ:
8
Adiyifo a wodii m’anim ne w’anim fi teteete no, wɔhyehyɛɛ nsaase bebree ne ahenni akɛse akodi ne bɔne ne owuyare ho nkɔm.
9
Odiyifo a ɔhyɛ asomdwoe ho nkɔm no, sɛ odiyifo no asɛm nya ba mu a, ɛno na wohu odiyifo a AWURADE somaa no nokwarem.
10
Ɛnna odiyifo Hanania yii kɔndua no fii odiyifo Yeremia kɔn so bubuu mu.
11
Na Hanania kae ɔman no nyinaa anim sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na mebubu Babel hene Nebukadnesar kɔndua no afi amanaman nyinaa kɔn so, ɛha mfe abien pɛ! Na Yeremia siim kɔɔ ne kwan.
12
Na odiyifo Hanania bubuu kɔndua no fii odiyifo Yeremia kɔn so no akyi no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:
13
Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Dua kɔndua na woabubu mu, na yɛ dade kɔndua si ananmu.
14
Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Dade kɔndua na mede mato amanaman yi nyinaa kɔn so, sɛ wɔnsom Babel hene Nebukadnesar; nso wɔbɛsom no, na mede wuram mmoa po mama no.
15
Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania sɛ: Hanania, tie ɛ, AWURADE nsomaa wo ɛ, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atoro so.
16
Ɛno nti, sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meretu wo mafi asase ani: Afe yi na wubewu, efisɛ woaka atuatew ahyɛ AWURADE.
17
Na odiyifo Hanania wui afe no ara mu ɔsram a ɛto so ason mu.
← Chapter 27
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 29 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52