bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 40
Jeremiah 40
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 39
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 41 →
1
Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn bere a ankɔbeahene Nebusaradan Rama ni no agyaa no; ɔkɔfaa no bae no, na wɔagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn, Yerusalem ne Yuda atukɔfo a wɔretu wɔn akɔ Babel no mu;
2
na ankɔbeahene no ma wɔkɔfaa Yeremia bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn no aka bɔne yi nyinaa atia ha yi,
3
nanso wama aba mu, na AWURADE ayɛ sɛnea ɔkae no, efisɛ moyɛɛ bɔne tiaa AWURADE, na moantie no ma asɛm yi aba mo so.
4
Na afei ɛnnɛ mayi wo mafi nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu wo nsa no mu, sɛ wopɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, bra na mɛma m’ani aku wo ho; na sɛ wompɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, ɛnne ma ɛnka; hwɛ, asase no nyinaa na ɛda w’anim yi; faako a wunim sɛ eye na wopɛ sɛ wokɔ no, kɔ!
5
Na onnya mmuae no, ɔkae sɛ: San kɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi Yuda nkurow so panyin no nkyɛn, na wo ne no ntena ɔman no mu; anaasɛ baabiara a wopɛ sɛ wobɛkɔ no, kɔ! Na ankɔbeahene no maa no akwansoduan ne ayɛyɛde, na ogyaa no kwan.
6
Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn Mispa, na ɔne no tenaa nkurɔfo a wogyaw wɔn asase no so no mu.
7
Na ɛdɔm asafohene a wɔwɔ wuram no nyinaa, wɔne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Ahikam ba Gedalia asi asase no so panyin, ne sɛ ɔde mmarima ne mmea ne mmofra ne asase no so ahiafo a wɔantu wɔn ankɔ Babel no mu bi ahyɛ n’ase no,
8
wɔbaa Gedalia nkyɛn Mispa, wɔne Netania ba Ismael, ne Yohanan ne Yonatan a wɔyɛ Karea mma, ne Tanhumet ba Seraia, ne Netofani Efai mma, ne Maakatni ba Yesania, wɔne wɔn mmarima.
9
Na Safan ba Ahikam ba Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima no ntam sɛ: Munnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafo no, montena asase no so na monsom Babel hene, na ensi mo yiye.
10
Na me de, hwɛ, mete Mispa, sɛ megyina Kaldeafo a wɔba yɛn nkyɛn no anim; na mo de, monkɔboaboa nsa ne nnuaba ne ngo ano ngu mo nneɛma mu, na montena mo nkurow a moafofa mu.
11
Nanso Yudafo a wɔwɔ Moab ne Amonfo mu ne Edom, ne wɔn a wɔwɔ nsaase no nyinaa so no nyinaa tee sɛ Babel hene agyaw nkae bi ama Yuda, ne sɛ ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia asi wɔn so panyin no,
12
Yudafo no nyinaa san fii nea wɔbobɔɔ wɔn petee hɔ no baa Yuda asase so, Gedalia nkyɛn Mispa, na wɔbɛboaboaa nsa ne nnuaba pii ano.
13
Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔwɔ wuram no nyinaa baa Gedalia nkyɛn Mispa
14
bɛka kyerɛɛ no sɛ: So wunim sɛ Amonfo hene Baalis asoma Netania ba Ismael sɛ ɔmmra mmekum wo? Na Ahikam ba Gedalia annye wɔn anni.
15
Na Karea ba Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia kokoam, Mispa sɛ: Ma menkɔ minkokum Netania ba Ismael, na obiara ante; ɛdɛn nti na ommekum wo, na Yuda a wɔaboa wɔn ho ano aba wo nkyɛn no nyinaa mmɔ mpete, na Yuda nkae no nyera?
16
Na Ahikam ba Gedalia ka kyerɛɛ Karea ba Yohanan sɛ: Nni saa asɛm yi, na atosɛm na woreka Ismael ho yi.
← Chapter 39
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 41 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52