bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 14
Jeremiah 14
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 15 →
1
AWURADE asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn osu a antɔ ho ni.
2
Yuda di nkɔmmɔ, na ne nkurow apon agurogurow, wɔde awerɛhow si wɔn ti ase twann, na Yerusalem nteɛm foro kɔ soro.
3
Na wɔn mu atitiriw soma nkumaa no nsusaw; wɔba nsubon ano, wonnya nsu; wɔde wɔn nhina hunu san ba, wɔn ani awuwu, wɔn anim agu ase, wɔkatakata wɔn ti.
4
Osu a ɛntɔ asase no so nti na fam awo kesee no, akuafo ani awuwu, wɔakatakata wɔn ti.
5
Na mfuwa so forotebere nso, ɔwo a, ogyaw ne mma, efisɛ wura bi nni hɔ.
6
Na sare so mfurum gyinagyina mpampa so, wɔsom mframa sɛ sakraman, wɔn aniwa ayɛ siamoo, efisɛ ahaban bi nni hɔ.
7
Sɛ yɛn amumɔyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biara; na yɛn nsanakyiri adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne.
8
Wo a Israel hwɛ wo kwan, wo a wugye wɔn ohia bere mu, ɛdɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔho, sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo?
9
Ɛdɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wayɛ basaa, sɛ dɔmmarima a ontumi nnye nkwa? Nso wo ara na wowɔ yɛn mfinimfini, AWURADE, na wɔde wo din ato yɛn; nnyaw yɛn hɔ.
10
Sɛ AWURADE ka kyerɛ ɔman yi ni: Saa ara na wɔpɛ sɛ wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, wɔansiw wɔn anan kwan; enti AWURADE nso ani nsɔ wɔn; afei na ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na watua wɔn bɔne so ka.
11
Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mmɔ mpae nsrɛ papa mma ɔman yi.
12
Ɛwom sɛ wodi mmuada de, nso merentie wɔn nkotɔsrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre a, m’ani rensɔ wɔn, na afoa ne ɔkɔm ne owuyare na mede mɛdwerɛw wɔn koraa.
13
Na mise: Aa AWURADE, hwɛ, adiyifo no ka kyerɛ wɔn sɛ: Morenhu afoa, na ɔkɔm remma mo so, na nokware asomdwoe na mede mɛma mo ɛha yi.
14
Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atoro na adiyifo no de hyɛ me din ho nkɔm; mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn na menkasa menkyerɛɛ wɔn ɛ; atoro anisoadehu ne nkɔmhyɛ ne asɛnhunu ne wɔn koma mu nnaadaa na wɔka kyerɛ mo yi.
15
Ɛno nti sɛ AWURADE ka adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn de, wɔka sɛ: Afoa ne ɔkɔm remma asase yi so, no ho ni: Afoa ne ɔkɔm ara na ɛbɛdwerɛw adiyifo no.
16
Na ɔman a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, ɔkɔm ne afoa no nti wobegugu Yerusalem mmorɔn so, na obi bi nni hɔ a obesie wɔn, wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mmabanin ne wɔn mmabea nyinaa; na mɛma wɔn bɔne abua wɔn atifi.
17
Enti ka nsɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: M’aniwa poroporow nusu anadwo ne awia, na ennyae, efisɛ wɔde ɔbobɔ kɛse abobɔ me man babea ababaa, wɔapira no ma ayɛ yaw sɛ.
18
Sɛ mifi mekɔ wuram a, hwɛ mihu, afoa ano atɔfo; na sɛ meba kurow mu a, hwɛ, ɔkɔm ano atɔfo ni; na odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa kyinkyini asase no so, nso wonnim nea wɔrekɔ.
19
So ɔtow na woatow Yuda akyene, anaasɛ Sion ho ayɛ wo kra nwini? Ɛdɛn nti na woabɔ yɛn na yenni ɔyaresafo yi? Yɛhwɛ asomdwoe kwan, nso papa bi nni hɔ; yɛhwɛ ayaresa bere kwan nso, na hwɛ, abotutu na ɛwɔ hɔ.
20
O AWURADE, yɛahu yɛn abususɛm, ne yɛn agyanom amumɔyɛ, na yɛayɛ wo bɔne.
21
Wo din nti mpa yɛn; nhura w’anuonyam agua no ho; kae, mmubu w’apam a ɛda yɛne wo ntam no.
22
So amanaman ahuhude no mu bi wɔ hɔ a wɔma osu tɔ? Anaasɛ ɔsoro betumi ama obosu apete? So ɛnyɛ wo, AWURADE, yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan ara, efisɛ wo ara na woayɛ eyinom nyinaa.
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 15 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52