bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 15
Jeremiah 15
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 14
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 16 →
1
Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel po begyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; ma womfi m’anim na wɔnkɔ.
2
Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛhe fa na yemfi nkɔ? A, ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Nea ɔsɛ owu no nkɔ owu mu, na nea ɔsɛ afoa ano no nkɔ afoa ano na nea ɔsɛ ɔkɔm no nkɔ ɔkɔm mu, na nea ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu.
3
Na nneɛma horow anan na mɛma aba wɔn so, AWURADE asɛm ni: Afoa a wɔde bekum wɔn, ne akraman a wɔbɛtwetwe wɔn, ne wim nnomaa ne asase so mmoa a wobedi wɔn asɛe wɔn.
4
Na mɛma wɔaguan wɔn ho, asase so ahenni nyinaa mu, Yuda hene Manase a ɔyɛ Hesekia ba ne nea ɔyɛ Yerusalem no nti a.
5
Na hena na obehu wo mmɔbɔ, O Yerusalem? Na hena na obegyam wo? Na hena na ɔbɛman akobisa nea w’asomdwoe no wɔ?
6
Woapa me, AWURADE asɛm ni, na wo nsanakyiri no kɔ so ara; enti na meteɛɛ me nsa wo so, na mesɛee wo; mabrɛ ne mmɔborohunu.
7
Na mede nhuwso apaawa mehuw wɔn so, asase no mmobowano; mekunkum wɔn mma, mɛsɛe me man a wɔnsan mfi wɔn akwan so no.
8
Wɔn akunafo dɔɔso sen mpoano anwea, mede ɔsɛefo maba mmerante no awofo so na awia ketee nso, mama piriwbɔ ne nketenkete agu no so mpofirim;
9
ɔbea a wawo ason agurow, wagyaa mu; ade nnya nsae na ne wia atɔ, n’ani awu na n’anim agu ase; na meyi wɔn nkae mama afoa, wɔn atamfo anim, AWURADE asɛm ni.
10
Minnue, me na, sɛ wowoo me, onipa a asase no nyinaa ne me ham yiyi ntɛn. Memfɛm nnyee mfɛntom na obi mfɛm me bi ɛ, nanso wɔn nyinaa dome me.
11
AWURADE se: Ampa ara, megye wo ma ayɛ yiye, ampa ara, mɛma ɔtamfo abɛpa wo kyɛw, bere bɔne ne ahohia bere mu.
12
So dade bi betumi abu dade, dade a efi benkum fam, ne kɔbere?
13
Mɛma wɔafom mo ahode ne mo akorade, na wɔrentua ka, mo bɔne a moayɛ, mo asase no nyinaa so no nyinaa nti;
14
na mɛma mo ne mo atamfo no asen akɔ asase bi a munnim so, efisɛ ogya bi asɔ m’abufuw mu a ɛbɛdɛw mo so.
15
Wo, AWURADE, wunim. Kae me na bɛhwɛ me, na tɔ me were ma me m’atiwfo so; wo bo a ɛkyɛ fuw no nti mfa me nkɔ; hu sɛ wo nti na mesoa ahohora.
16
Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ m’aduan, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛw ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, AWURADE, asafo Nyankopɔn.
17
Mantena aserewfo guabɔ mu manni ahurusi; wo nsa nti me nko na metenae, efisɛ wode abufuw ahyɛ me ma.
18
Ɛdɛn nti na me yaw wɔ hɔ daa yi, na me kuru ayɛ akisikuru a wɔsa a ɛnsa yi? So wobɛyɛ sɛ asu a edi huammɔ a ennyina ama me anaa?
19
Enti sɛ AWURADE se ni: Sɛ wosan a, mede wo mɛsan maba; na woabegyina m’anim; na sɛ wuyi aboɔdenne fi ahuhude mu a, wobɛyɛ sɛ m’ano; wɔn de, wɔbɛdan aba wo nkyɛn, na wo de, worensan nkɔ wɔn nkyɛn.
20
Na mede wo misi hɔ mema ɔman yi sɛ kɔbere fasu dennen, na wɔne wo ko a, wɔrentumi wo, na me na midi w’akyi na magye wo na mayi wo, AWURADE asɛm ni.
21
Na meyi wo afi abɔnefo nsam, na magye wo afi atirimmɔdenfo nsam.
← Chapter 14
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 16 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
Recommended Reading
Commentary
Jeremiah Commentaries
→
Devotional
Jeremiah Devotional Guide
→
Get This Bible
Twi Bible (DC KYERƐW KRONKRON) Study Bible
→