bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 43
Jeremiah 43
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 42
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 44 →
1
Na Yeremia kaa AWURADE wɔn Nyankopɔn nsɛm a AWURADE wɔn Nyankopɔn de somaa no wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ ɔman no nyinaa wiei no,
2
Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan ne mmarima ahokyerɛfo no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Atosɛm na woreka yi, AWURADE yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ ka sɛ: Monnkɔ Misraim nnkɔsoɛ hɔ ahɔho, ɛ!
3
Na Neria ba Baruk na opiapia wo hyɛ yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde yɛn ahyɛ Kaldeafo nsa, na wɔakum yɛn, na wɔatu yɛn akɔ Babel.
4
Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa ne ɔman no nyinaa antie AWURADE antena Yuda asase so.
5
Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa faa Yuda nkae nyinaa a wɔsan fii amanaman nyinaa a wɔpansam wɔn kɔɔ hɔ no bae sɛ wɔbɛsoɛ Yudafo asase so,
6
mmarima ne mmea ne mmofra ne ɔhene mmabea ne nnipa a ankɔbeahene Nebusaradan gyaw wɔn Safan ba Ahikam ba Gedalia nkyɛn no nyinaa ne odiyifo Yeremia ne Neria ba Baruk,
7
na wɔde wɔn kɔɔ Misraim asase so, efisɛ wɔantie AWURADE; na wɔbaa Tahpanhes.
8
Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn, Tahpanhes sɛ:
9
Tase abo akɛse, na fa hyehyɛ dɔte mu, ntayaa fononoo a ɛwɔ Farao fi pon ano no mu, Tahpanhes, Yudafo mmarima no anim,
10
na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Hwɛ, meresoma makɔfa m’akoa, Babel hene Nebukadnesar, na mede n’agua mabesi abo yi a mede makora yi so, na watrɛw n’akatamanso mu wɔ hɔ.
11
Na ɔbɛba abɛbɔ Misraim asase, nea ɔsɛ owu no bewu, na nea ɔsɛ dommumfa no, wɔbɛfa no dommum, na nea ɔsɛ afoa no, afoa bɛka no.
12
Na mɛto Misraim anyame afi mu gya, na wahyew wɔn asoa wɔn nnommum, na wafura Misraim asase, sɛnea oguanhwɛfo fura ne ntama, na wafi hɔ asomdwoe mu akɔ.
13
Na obebubu Bet-semes adum a ɛwɔ Misraim asase so no, na ɔde ogya ahyew Misraim anyame afi no.
← Chapter 42
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 44 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52