bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 10
Job 10
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 11 →
1
Me nkwa yɛ me kra nwini, megyaa m’apinisi mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhow mu.
2
Mese Onyankopɔn sɛ: Mmu me fɔ, ma minhu dekode a enti wo ne me ham yi.
3
So eye ma wo sɛ wohyɛ obi so, sɛ wopa wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefo agyina so?
4
So wowɔ honam aniwa anaasɛ wuhu ade sɛ ɔdesani hu no?
5
So wo nna te sɛ ɔdesani nna anaa wo mfe te sɛ onipa nna anaa?
6
Sɛ wohwehwɛ me mfomso akyi kwan na wudi me bɔne akyi?
7
Nanso wunim sɛ menyɛ ɔbɔnefo, na obi nni hɔ a obegye wo nsam.
8
Wo nsa na ɛnwenee me na ɛyɛɛ me, me nipa mu nyinaa prɛko, ɛnna woamene me yi.
9
Kae sɛ wonwenee me sɛ anwemmo, na wobɛma madan mfutuma bio?
10
So woanhwie me angu sɛ nufusu na woma mipiwii sɛ nufusu a akyenkyen sebɔw?
11
Wode were ne nam na ɛhyɛɛ me, na wode nnompe ne ntini wurawuraa me mu.
12
Nkwa ne adɔe na wode ayɛ me, na wo hwɛ nso wɛn me honhom.
13
Na eyinom na wode siee wo komam, mahu sɛ eyi na wode atia me.
14
Sɛ meyɛ bɔne a, wobɛhwɛ me, na woremmu me bem me mfomso ho.
15
Sɛ midi abɔnefosɛm a, minnue; na sɛ meteɛ nso a, meremma me ti so; efisɛ ahohora ahyɛ me ma, na mehwɛ m’amanehunu.
16
Na sɛ mema me ho so a, wubetiw me sɛ gyata, na woasan ne me adi anwonwasɛm.
17
Na wode w’adansefo afoforo ara abegyina m’anim, na woama w’abufuw adɔɔso wɔ me so, na dɔm a ɛto dɔm abegu me so.
18
Adɛn nti na wuyii me fii ɔyafunu mu? Sɛ anka minya migyaa mu na aniwa bi anhu me ɛ!
19
Sɛ minya meyɛe sɛ ade a enni hɔ ɛ! Mifii ɔyafunu mu no, wokogyaa me ɔda mu ɛ!
20
So me nna nyɛ kakraa bi? Ma onnyaa me, onyi n’ani mfi me so, na me ho nsan me kakra,
21
ansa na makɔ nea merensan memma, na makɔ sum ne sunsuma asase so,
22
sum kabii a ɛte sɛ ɔdasum tumm asase, sunsuma ne sakasaka asase a ɛso hann te sɛ ɔdasum tumm no.
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 11 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42