bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 37
Job 37
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 36
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 38 →
1
Yiw, eyi ho na me koma tutu, na ɛpopo fi n’afa.
2
Otie na muntie ne nne huuyɛ, ne mmobom a efi n’anom no.
3
Ogyaa mu ɔsoro nyinaa ase, na n’anyinam kodu asase anoano.
4
Ɔprannaa bobom di akyiri, ɔde ne kɛseyɛ nne no bobom. Sɛ wɔte ne nne a, onsianka wɔn.
5
Onyankopɔn de ne prannaa bobom ma ɛyɛ nwonwa, ɔyɛ ade akɛse a yenhu mu,
6
na ɔka kyerɛ sukyerɛma sɛ: Tɔ gu asase so! Ne osukɛse nso saa ara sɛ: Tue! Ne n’ahoɔden su akɛse no.
7
Ɔsɔ nnipa nyinaa nsa ano, sɛ nnipa a ɔbɔɔ wɔn nyinaa nhu de.
8
Ɛnna mmoadoma kɔ wɔn atu mu, na wɔtenatena wɔn tenabea.
9
Ahum fi mpiakyiri hɔ ba, na awɔw nso fi atifi fam.
10
Onyankopɔn home na ɛma nsu nkyenkyenee, na ɛma nsu a ɛtrɛw nso kyenkyen.
11
Nsu ara nko na ɔde soa omununkum, ɔtrɛw ne hann mununkum no mu.
12
Na ɔma edi kyinhyia sɛ n’akwankyerɛ te, sɛ ɛnkɔyɛ nea ɔhyɛ no nyinaa, wiase nyinaa ne asase ani;
13
Sɛ ɛyɛ nteɛso nti oo, sɛ ɛyɛ n’asase nti oo, sɛ ɛyɛ adɔe so oo, ɔma ɛba ara.
14
Hiob, yɛ aso wɔ eyi ho, gyina hɔ dwen Onyankopɔn anwonwade ho.
15
So wunim bere a Onyankopɔn susuw ho, na ɔma ne mununkum mu hann hyerɛn?
16
So wunim omununkum nkarii, nimdeɛ mu mudifo no anwonwade no?
17
Sɛnea wo ntade mu yɛ hyew, bere a anafo mframa ma asase yɛ dinn no?
18
So wo ne no na ɛde wim tɔnn a ɛwɔ hɔ pintinn sɛ ahwehwɛ a wɔagu no trɛw hɔ?
19
Ma yenhu nea yɛnka nkyerɛ no; esum nti yɛrenhu nea yɛnka.
20
So wɔnka nkyerɛ no sɛ mɛkasa? Anaasɛ obi bɛpɛ sɛ wɔmene no?
21
Na afei wonhu hann sɛ ɛhyerɛn hyɛnn ewim tɔnn, na mframa twam a, ɛma wim hɔ tew.
22
Atifi fam asase so na sika fi ba, Onyankopɔn ho na anuonyam a ɛyɛ hu wɔ.
23
Otumfo de, yenhu no, ɔyɛ tumi mu ɔkɛse, na ɔrenkyea atemmu ne trenee a ɛdɔɔso.
24
Enti nnipa suro no, ommu komam nyansafo biara.
← Chapter 36
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 38 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42