bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 9
Job 9
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 8
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 10 →
1
Na Hiob gyee so sɛ:
2
Ampa ara, minim sɛ ɛte sa, na ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn?
3
Sɛ obi pɛ sɛ ɔne no yiyi ano a, ontumi mmua no apem mu biako mpo.
4
Koma mu nyansafo ne tumi mu hoɔdenfo no, hena na wasen ne kɔn wɔ ne so na asi no yiye?
5
Otutu mmepɔw mpatuw mu, obutuw no n’abufuw mu.
6
Ɔwosow asase fi n’atenae, na ne nnyinaso popo.
7
Ɔhyɛ owia, na empue; na ɔsosɔ nsoromma ano.
8
Ɔno nko na ɔtrɛw ɔsoro, na otiatia po asorɔkye so.
9
Ɔyɛ Nsorommasɔn, Nyɛnkrɛnte ne Akokɔtan ne ne mma ne anafo fam mpiakyiri.
10
Ɔyɛ ade akɛse a enni nhwehwɛm, ne anwonwade a wontumi nkan.
11
Hwɛ, otwa me ho, nso minhu no, ɔsen, nso minhu no.
12
Hwɛ, ohwim kɔ, hena na ɔbɛsan no? Hena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?
13
Onyankopɔn rensianka n’abufuw, Rahab aboafo brɛ wɔn ho ase wɔ n’ase.
14
Na menne sɛ me na mebua no, anaasɛ mɛhwehwɛ me nsɛm mu, na me ne no ayiyi.
15
Ɔno na sɛ meteɛ po a, meremmua no, mɛkotɔ no sɛ me temmufo.
16
Sɛ mefrɛ na ogye me so a, merennye minni sɛ ɔbɛyɛ aso ama me nne.
17
Ɔno a ɔde ahum posa me, na ɔma m’akuru dɔɔso kwa no,
18
ɔmma minnya ahomeye, na ɔde awerɛhow hyɛ me ma tɔ.
19
Sɛ wodi no ɔhoɔdenfo tumi so a, anka: Mini! Na sɛ atemmu nso a, anka: Hena na obehyia me?
20
Sɛ meteɛ a, m’ano bebu me fɔ, na midi mu a, ɔbɛma makyea.
21
Me de, midi mu de, nanso mimmu me ho; me nkwa afono me.
22
Ne nyinaa yɛ biako; enti na mise: Nea odi mu ne ɔbɔnefo nyinaa na ɔsɛe wɔn.
23
Sɛ mpire kum mpofirim a, ɔsereserew wɔn a wodi bem amane.
24
Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefo nsa, ɔkata n’atemmufo ani; sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hena?
25
Na me nna ho yɛ hare sen ommirikatufo, eguan kɔ, enhu adepa bi.
26
Ɛsen kɔ sɛ demmire nkyɛkyerɛ hyɛn, sɛ ɔkɔre a ɔtow si aduan so.
27
Sɛ mise: Me werɛ befi m’apinisi, megyae bosooyɛ na matew m’anim po a,
28
me yaw nyinaa yɛ me hu, efisɛ mihu sɛ woremmu me bem.
29
Na sɛ wobebu me fɔ a, adɛn nti na memmrɛ ngu?
30
Sɛ miguare sukyerɛma nsu na mede gyakisi mehohoro me nsa a,
31
ɛno nso wode me bɛto amoa mu, na me ho ayɛ me ntade po nwini.
32
Na ɔnyɛ onipa sɛ me, na mabua no, na yɛn baanu ahyiam abɔ nkuro.
33
Nso ɔsentwamfo bi nni yɛn ntam a ɔde ne nsa bɛto yɛn baanu so.
34
Ma onyi n’abaa mfi me so, na ne ho hu ankita me.
35
Ɛnna anka mɛkasa a merensuro no, nanso mintumi nyɛ saa, wɔ me ara me fam.
← Chapter 8
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 10 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42