bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 30
Job 30
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 29
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 31 →
1
Na afei wɔn a midi wɔn panyin koraa serew me, wɔn a mepo wɔn agyanom sɛ mede wɔn mɛhyɛ m’akraman a wɔhwɛ me nguankuw so no mu,
2
wɔn nsam tumi nso bɛyɛ me dɛn, wɔn a wɔn ahoɔden asa?
3
Ohia ne ɔkɔm nti wɔatwintwam, wɔwewe nkyerekyerewa so nea ɛhɔ yɛ sakasaka, kusuu ne basabasa;
4
wɔtetew nkyenhaban nnua so, na sare so nnua ntini ne wɔn aduan.
5
Wɔatu wɔn afi nnipa mu, wohuro wɔn sɛ owifo.
6
Mmonhwa a ɛhɔ yɛ hu mu na wɔtetee, ɛfam ne abotan mu ntokuru mu;
7
Nnua ntam na wɔbobom, nsasono ase na wɔsam.
8
Nnyennyentwi mma ne wɔn, wɔn a wonni din mma nso, wɔapam wɔn afi asase so.
9
Na afei madan wɔn sanku dwom, na mayɛ wɔn sɛmmɔdɛ.
10
Wokyi me, wɔma me ne wɔn ntam pan, na wɔnkame sɛ wɔtetew ntasu gu m’ani so.
11
Na sɛ Onyankopɔn asan me hama na wabrɛ me ase nti, wɔn nso atow ahohyɛso akyene wɔ m’anim.
12
Me nifa so na ahuhufo no asɔre, wosum me nan, na wɔdan wɔn sɛe akwan ba me so.
13
Wodwiriw me kwan, wɔboa me sɛe, nso obi bi nsianka wɔn.
14
Wɔba sɛ obuba a emu trɛw, wɔnam huuyɛ no mu munimuni ba.
15
Ahuyide adan akyerɛ me so, wɔpam me bakomadi sɛ mframa, na me yiyedi asen kɔ sɛ omununkum.
16
Na afei me kra nan gu me mu, amanehunu nna asuso me mu.
17
Anadwo gurow me nnompe wɔ me mu, na ɛyaw a ɛwe me no nnyae;
18
emu den nko ara nti m’atade asakra, emia me sɛ me kamisaa kɔn.
19
Watow me akyene atɛkyɛ mu, me ho ayɛ sɛ dɔte ne nso.
20
Misu mefrɛ wo, na wunnye me so, migyina hɔ, na wohwɛ me haa.
21
Woadan ayɛ sɛ otirimmɔdenfo ama me, wode wo nsa a ɛyɛ den ne me di asi.
22
Woma me so ma metena mframa so kɔ, na woma menan huuyɛ mu.
23
Na minim sɛ wode me bɛsan ama owu ne ofi a ateasefo hyia mu no.
24
Nanso so obi nteɛ ne nsa nhwehwɛ ogye odwiriw mu, na sɛ obi reyera a, onsu mfrɛ ɔboafo anaa?
25
So mansu mamma nea ɔwɔ amane mu, ohiani anyɛ me kra mmɔbɔ anaa?
26
Na metwɛn adepa, nso bɔne na aba, na m’ani daa hann so, na esum kabii aba.
27
M’ayamde huru, na ennyae, amanehunu nna ato me.
28
Mabiri tumm menenam, nso emfi awia, mesɔre bagua mu na meteɛm.
29
Madan sare so akraman nua, ne sohoribere adamfo.
30
Me were abiri rewae afi me ho, na ahohuru nti me nnompe ahyew.
31
Na me sanku adan abooboodi, na me bɔtɔwa adan asufo nne.
← Chapter 29
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 31 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42