bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 14
Job 14
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 15 →
1
Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no;
2
opue sɛ nhwiren, na wotwa; oguan sɛ sunsuma, na onnyina.
3
Na so oyi so na woabue w’ani, na wode me rekɔ atemmu mu w’anim?
4
Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.
5
Sɛ wɔahyɛ ne nna ato hɔ, na n’asram dodow wɔ wo tirim, na woatwa ɔhye a ɔrentwa ho ama no a,
6
ɛnne yi w’ani fi no so na ɔnhome nkosi sɛ obewie ne da sɛ ɔpaani.
7
Na dua po, anidaso wɔ hɔ ma no, sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw bio, na ne nnubaa remmɔ no:
8
Sɛ ne ntini kyenkyen ɛfam, na ne nsim wu dɔte mu a,
9
nsu hua nti ɛfefɛw, na eyiyi abaa sɛ dua a wɔatɛw;
10
na onipa de, owu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he?
11
Nsu fi po mu dɔ mpumpunase, na asu nso mem na ɛyow:
12
Saa ara na onipa kɔda hɔ, na ɔnsɔre. Ɔsoro nnya ntwaam yi, wɔrennyan, na wɔrenwosow wɔn mfi wɔn nna mu.
13
Oo, sɛ wode me sie asaman ɛ, sɛ wode me hintaw kosi sɛ w’abufuw bɛsan akɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ!
14
So onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa? Anka m’akodi nna nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ me sakra bɛba.
15
Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so, anka w’ani begyina wo nsa ano adwuma no.
16
Nanso afei de, wokan m’anammɔn, na wunyi w’ani mfi me bɔne so.
17
Wɔasɔ me mmarato ano de ahyɛ kotoku mu, na woakyekye me bɔne ano.
18
Ampa ara bepɔw po hwe ase yera, na ɔbotan nso twiw fi n’afa;
19
abo nso, nsu fi mu, ne yiri pra fam dɔte kɔ, na ɔdesani anidaso, woma ɛyera.
20
Wutintim no so ma otwam kɔ, wosakra n’anim na wusum no kɔ;
21
ne mma nya anuonyam mpo a, onnim, na sɛ wɔbrɛ wɔn ase nso a, onhu mma wɔn.
22
N’ankasa ne honam yaw nka na ɔte, na ne kra di n’ankasa ne ho abooboo.
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 15 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42