bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 33
Job 33
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 32
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 34 →
1
Na afei, Hiob, tie me kasa ɛ! Na yɛ aso ma me nsɛm nyinaa.
2
Hwɛ, mabue m’ano, me tɛkrɛma rekasa me dodom.
3
Me komam teeyɛ ne me nsɛm, m’ano ka nimdeɛ kronkron.
4
Onyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfo no ahome na ɛmaa me nkwa.
5
Sɛ wubetumi a, yi ano kyerɛ me; Siesie wo ho m’anim, sɔre gyina.
6
Hwɛ, me nso, meyɛ Onyankopɔn de sɛ wo ara, anwemmo mu na wotii me nso fii.
7
Hwɛ, me ho hu rentu wo koma, na me nhyɛso renyɛ wo so duru.
8
Ampa, woaka m’asom, na mate wo nsɛm sɛ wuse:
9
Me de, me ho tew, mmarato nni me ho; me ho yɛ tɔtorɔtɔɔ, amumɔyɛ bi nni me ho.
10
Hwɛ, ohu ntɔkwaw nsɛm wɔ me ho, obu me sɛ ne tamfo.
11
Ɔde me nan hyɛ mpokyerɛ mu, ɔkari m’akwan nyinaa.
12
Hwɛ, eyi mu na wonteɛ, merebua wo; na Onyankopɔn so sen ɔdesani.
13
Adɛn nti na wo ne no ham, sɛ ommua ne nsɛm nyinaa ho?
14
Nso Onyankopɔn kasa prɛko ne ne mprenu so, nanso onipa nnwen ho.
15
Ɔdae mu, anadwo adehu mu, nnahɔɔ a atɔ nnipa so mu, nnae so nkotɔ mu,
16
emu na obue nnipa aso, na ɔsɔ wɔn nteɛso ano,
17
sɛ ɔbɛsan onipa afi ne nneyɛe ho, na wayi ahantan ahintaw ɔdesani,
18
na watwe ne kra afi amoa mu, ne ne nkwa nso, na antɔ afoa ano.
19
Na wɔde ɛyaw twe n’aso ne nnae so, ne ne nnompe mu daa aperedi.
20
Na ne nkwa ma aduan fono no, na ne kra po akɔnnɔduan.
21
Ne honam afɔn ma ɛyɛ huna, na ne nnompe a anka wonhu po ada adi.
22
Na ne kra bɛn ɔsɛe Amena, na ne nkwa nso bɛn akumfo.
23
Sɛ ɔbɔfo dimafo wɔ hɔ ma no, apem no mu biako, sɛ ɔrekyerɛ onipa nea ɛteɛ ma no a,
24
ɛno na ohu no mmɔbɔ ka sɛ: Kogye no, na wankɔ ɔsɛe Amena no mu, na manya agyede, a,
25
ɛnne ne honam yɛ bɛtɛɛ sɛ mmofra de, ɔsan kɔ ne mmerantebere mu.
26
Ɔkotɔ Onyankopɔn a, n’ani sɔ no, na ohu n’anim anigye mu, na ɔdan ɔdesani trenee ma no,
27
na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ: Mayɛ bɔne, na makyea nea ɛteɛ no, nanso ɔne me anni no sɛnea ɛfata me.
28
Wagye me kra na ankɔ ɔsɛe Amena mu, na me nkwa rehu hann yi.
29
Hwɛ, eyinom nyinaa na Onyankopɔn yɛ mprenu ne mprɛnsa wɔ onipa ho,
30
sɛ ɔbɛsan ne kra afi ɔsɛe Amena ho, na wanya hann, nkwa hann no mu.
31
Yɛ aso, Hiob, na tie me; yɛ komm, na menkasa.
32
Sɛ nsɛm bi wɔ hɔ a, yi ano kyerɛ me, kasa, na wo bemdi bɛyɛ me fɛ.
33
Sɛ ɛnte saa a, ɛnne tie me ara, yɛ komm na menkyerɛ wo nyansa.
← Chapter 32
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 34 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42