bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 42
Job 42
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 41
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
1
Ɛnna Hiob gyee AWURADE so sɛ:
2
Mahu sɛ wutumi ade nyinaa yɛ, na wɔrensiw w’atirimmɔ biara kwan.
3
Hena ne nea onni nimdeɛ, na ɔfono afotu ani yi? Enti na mekaa nea mente ase, anwonwade a ɛsen me a minnim.
4
Tie ɛ, na menkasa. Mebisa wo, na woakyerɛ me.
5
Sɛ aso te nko na metee wo nka, na afei m’aniwa ahu wo.
6
Enti na m’ani wu na minu me ho, dɔte ne nso mu.
7
Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wiei no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afuw wo ne wo mfɛfo baanu no, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛteɛ sɛnea m’akoa Hiob ayɛ no.
8
Na afei momfa anantwinini ason ne adwennini asɔn, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyew afɔre mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo ti so mpae, na ne nko anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, efisɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.
9
Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar siim kɔe kɔyɛe sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ.
10
Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no ti so mpae no, AWURADE dan ne duamda no, na AWURADE de ade a Hiob nyae no nyinaa mmɔho abien maa no.
11
Ɛnna ne nuanom mmarima nyinaa ne ne nuanom mmea nyinaa ne wɔn a wonim no kan nyinaa baa ne nkyɛn, na wɔne no bedidii wɔ ne fi, na wogyam no, na wɔkyekyee ne werɛ, amane a AWURADE ma ɛbaa no so nyinaa ho, na wɔn mu biara maa no sika dwetɛbona biako ne sika kaa biako.
12
Na AWURADE hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase, na onyaa nguan ɔpeduanan ne yoma mpemnsia ne anantwi mpamho apem ne mfurum abere apem.
13
Na onyaa mmammarima baasɔn ne mmammea baasa.
14
Na ɔtoo ɔbea a odi kan no din Yemima, na nea odi so no de Kesia, na nea ɔto so abiɛsa no de Keren-hapuk.
15
Na wɔanhu mmea ahoɔfɛfo sɛ Hiob mmammea no asase no nyinaa so; na wɔn agya momaa wɔn agyapade wɔn nuanom mu.
16
Na eyi akyi no, Hiob dii mfirihyia ɔha aduanan, na ohuu ne mma ne ne mma mma awo ntoatoaso anan.
17
Na Hiob wui, na wabɔ akora pa ara.
← Chapter 41
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42