bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 2
Job 2
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 3 →
1
Na da foforo bi, ɔsoro dɔm no bae sɛ wobegyina AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae bi sɛ obegyina AWURADE anim.
2
Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wufi bae yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mifi asase so kyini ne ɛso anantenantew na mereba.
3
Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudi no mu ara, na woahwanyan me ahyɛ no sɛ mensɛe no kwa.
4
Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde were pere were, na nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.
5
Na afei teɛ wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!
6
Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, oni, ɔwɔ wo nsam, ne nkwa nko na kyɛe so.
7
Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe, na ɔde akuru bɔne kɔtotow Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam.
8
Na ɔfaa kyɛmfɛre bi sɛ ɔde rehuane ne ho, na ɔtenaa nso mu.
9
Na ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: Woda so kura wo mudi no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!
10
Na Hiob buaa no sɛ: Sɛ mmea nnyennyentwi no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Onyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Eyi nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.
11
Na Hiob nnamfo baasa tee amanehunu a aba no so yi nyinaa no, wɔn mu biara fi nea ɔwɔ bae, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar, na wobehyiae sɛ wobegyam no na wɔakyekye ne werɛ.
12
Na wofi akyirikyiri momaa wɔn ani so, na wohuu no no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno; na wɔmomaa wɔn nne so sui, na wosunsuanee wɔn ntade mu, na wɔtow mfutuma kɔɔ ɔsoro guu wɔn atifi.
13
Na wɔne no tenatenaa fam nnansɔn adekyee ne adesae, na obiara ne no ankasa efisɛ wohui sɛ n’amanehunu no so dodo.
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 3 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42