bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 32
Job 32
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 31
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 33 →
1
Ɛnna mmarima baasa yi gyaee Hiob bua, efisɛ ɔyɛ n’ani so treneeni.
2
Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba a ofi Ram abusua mu bo fuwii Hiob, sɛ obu ne ho treneeni sen Nyankopɔn.
3
Na ne bo fuw ne mfɛfo baasa no nso, sɛ wonnya mmuae bi bio, nanso wobuu Hiob fɔ.
4
Na Elihu twɛn maa Hiob ne ne mfɛfo no kasae ansa, efisɛ wɔsen no panyin.
5
Na Elihu hui sɛ mmuae bi nni mmarima baasa no anom bio no, ne bo fuwii.
6
Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba buae sɛ: Me de, meyɛ abofra, na mo de, moyɛ nkwakoraa, enti na metɔɔ me bo ase, na misuroe sɛ mɛka nea minim makyerɛ mo.
7
Mekae sɛ: Wɔmma onyinkyɛ nkasa, Yiw na mfe dodow nkyerɛ nyansa.
8
Ampa, honhom a ɛwɔ ɔdesani mu ne Otumfo ahome na ɛma no nhumu.
9
Ɛnyɛ wɔn a wɔanyin pii na wonim nyansa, na ɛnyɛ mpanyin na wohu atemmu mu.
10
Enti na mise: Muntie me; me nso mɛkyerɛ nea minim.
11
Hwɛ, matwɛn ama mo akasa awie, mayɛ aso mama mo nhumusɛm, sɛ mobɛhwehwɛ anya nsɛm.
12
Na mewɛn m’aso sɛ meretie mo, na hwɛ, obi nni mo mu a ɔkaa nea ɛtɔ Hiob asom, na otumi buaa ne nsɛm no.
13
Na monnka sɛ: Yɛahu nyansa; Onyankopɔn na ɔmmɔ no ngu, na ɛnyɛ onipa.
14
Efisɛ ɛnyɛ me na ɔkaa ne nsɛm no kyerɛɛ me, na me nso, meremfa mo nsɛm no mimmua no.
15
Wɔn abam abu, wɔremmua bio, na wɔn anom nsɛm nso asa.
16
Na sɛ wɔnkasa bio, na wogyina hɔ, na wommua bio nti, mentwɛn anaa?
17
Me nso mebua me fam de, me nso, mɛkyerɛ nea minim.
18
Na nsɛm ahyɛ me ma, na honhom a ɛwɔ me mu no hyɛ me.
19
Hwɛ, me yam te sɛ nsa a wontuu ano, sɛ nsa kotoku foforo a ɛrepɛ apae.
20
Mɛkasa, na manya ahomeye; mebue m’ano, na mabua.
21
Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ obi anim, na madɛfɛdɛfɛ m’ano mama onipa,
22
na minnim m’ano adɛfɛdɛfɛ, anka ebia ɛbɛka ketewaa sɛɛ, na me yɛfo afa me akɔ.
← Chapter 31
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 33 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42