bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 29
Job 29
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 28
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 30 →
1
Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ:
2
O, sɛ anka mɛyɛ sɛ mete kan asram no, sɛ nna a Onyankopɔn hwɛɛ me so no ɛ!
3
Bere a ne kanea hyerɛn m’atifi, na mede ne hann menantew sum mu no!
4
Sɛnea na mete me twabere nna mu, bere a Onyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntamadan mu no;
5
bere a Otumfo ne me da so wɔ hɔ, na me mmofra nso atwa me ho ahyia,
6
bere a me nan ho fɔwee nufusu mu srade mu, na abotan maa ngo asubɔnten sen me hɔ no.
7
Mifi adi mekɔ kurow pon ano, na mede m’agua misi mprae so a,
8
mmerante hu me, na wohintaw, na nkwakoraa sɔre gyinagyina.
9
Mmapɔmma gyae kasa, na wɔde wɔn nsa butuw wɔn ano.
10
Mmakoma nne taa dinn, na wɔn tɛkrɛma fam wɔn dodom.
11
Na aso te a, ehyira me, na aniwa hu me a, edi me adanse.
12
Efisɛ miyi ɔmanehunufo a osu frɛ ɔboafo, ne ayisaa a onni boafo.
13
Nea ɔyɛ ayera no nhyira ba me so, na mema ɔbea kunafo nya abotɔyam.
14
Mifura trenee na efura me, m’atemmusɛm te sɛ atade yuu ne abotiri:
15
Meyɛɛ aniwa maa onifuraefo, ne nan nso maa apakye;
16
meyɛɛ agya maa ahiafo, na nea minnim no mpo asɛm, mehwehwɛɛ mu maa no;
17
na mibubuu omumɔyɛfo sebɔmmɔfo, na mihwim afow ade mifii ne se mu.
18
Na mekae sɛ: Me berebuw ara mu na megyaa mu, na mama me nna adɔɔso sɛ nwea;
19
me ntini mu bebue ama nsu, na obosu nso atena mman so.
20
M’anuonyam yɛ foforo ma me, na me ta anya denyɛ foforo me nsam.
21
Me na wotie me na wɔtwɛn me, na wɔyɛ komm tie m’afotu;
22
me kasa akyi wɔnsan nkasa bio, na me nsɛm sosɔ gu wɔn so:
23
Na wɔtwɛn me sɛ wɔtwɛn osutɔ, na wɔtɛɛ wɔn anom sɛnea wɔde regye adonsu.
24
Meserew mekyerɛ wɔn a anidaso abɔ wɔn, na m’anim a ɛtew no, wɔmma engu ase.
25
Mepaw wɔn kwan memaa wɔn, metenaa ase sɛ otitiriw, na metenaa hɔ sɛ ɔhene asafo mu, sɛ nea ɔkyekye abooboodifo werɛ.
← Chapter 28
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 30 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42