bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 12
Job 12
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 11
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 13 →
1
Na Hiob buae sɛ:
2
Yoo mone ɔman no nne, na muwu a, nyansa nso bewu.
3
Me nso, mewɔ koma sɛ mo, me de, merentɔ mu mo anim; na hena na onnim nneɛma a ɛte sɛɛ yi?
4
Nea ne yɔnko serew no ne me, nea osu frɛɛ Onyankopɔn na ogyee no so, wɔserew ɔtreneeni a odi mu no.
5
Nea ɔte hɔ dwoodwoo no tirim de, animtiaabu na ɛfata amanehunu, ɛne nea wɔasiesie ama wɔn a wɔn nan watiriw.
6
Amimfo ntamadan si hɔ dwoodwoo, na wɔn a wohuru Onyankopɔn bo te hɔ komm, wɔn a wokura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.
7
Na eyi de bisa mmoa ɛ, na wɔnkyerɛ wo, ne ɔsoro nnomaa nso, na wɔnka wo.
8
Anaasɛ gyen asase hwɛ, na ɛnkyerɛ wo, na ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo.
9
Hena na ɔrenhu eyi nyinaa mu sɛ AWURADE nsa na ɛyɛɛ eyi?
10
Ne nsam na ɔteasefo biara kra wɔ, ne adasamma nyinaa ahonhom.
11
So ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduan hwɛ?
12
Nkwakoraa mu na nyansa wɔ, na onyinkyɛ ma nhumu.
13
Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninne wɔ, ɔno na afotu ne nhumu wɔ no.
14
Hwɛ, oburuw, na wɔrento, ɔto onipa mu, na wɔremmue.
15
Hwɛ, osianka nsu ma ɛyow, nanso ogyaa mu ma ebutuw asase.
16
Ɔno nkyɛn na ahoɔden ne nyansa wɔ, nea wosisi no ne osisifo nyinaa yɛ ne dea.
17
Ɔpa amananiwafo ho de wɔn kɔ, na ɔma akannifo dan nkwasea.
18
Ɔsan ahene nkyehama, na ɔde nhama kyekyere wɔn asen;
19
ɔpa asɔfo ho de wɔn kɔ, na ɔde wɔn a wɔatim no hwe fam;
20
ɔma anotewfo gyae kasa, na ogye mpanyimfo nimdeɛ;
21
ɔde animtiaabu gu mmapɔmma so, na ohodwow nnɔmmarima abɔso mu;
22
oyi ade kuronkuron adi fi sum mu, na ɔde sum kabii fi ba hann mu;
23
ɔma aman nya nkɔso, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛw amanaman mu, na otu wɔn kɔ;
24
ogye asase so aman mu atitiriw koma; na ɔma wokyini asase a ɔkwan nni hɔ so;
25
wɔkeka sum a hann nni hɔ mu, na ɔma wokyini sɛ asabofo.
← Chapter 11
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 13 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42