bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 3
Job 3
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 2
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 4 →
1
Eyi akyi no, Hiob buee n’ano na ɔdomee n’awoda.
2
Na ɔkae sɛ:
3
Ma ɛda a wɔwoo me mu no nyera, ne anadwo a ese: Wɔanyinsɛn ɔbabanin no.
4
Ɛda no nnuru sum, mma Onyankopɔn mmfi soro mmmisa akyi kwan, na ɔharan bi nnhyerɛn so.
5
Esum ne sunsuma nnye no, omununkum ntena so, nea ɛma adekyee duru sum nyi no hu.
6
Anadwo no, esum kabii nkita no, wɔmmma ennnya anigye bi, afe nna no mu, wɔmmma ɛmmma asram dodow no mu.
7
Hwɛ, anadwo no nyɛ kwayow, ahurusi dwom bi mmma mu.
8
Ma wɔn a wɔdome da no mmɔ no dua, wɔn a wotumi hwanyan dɛnkyɛmmirampɔn no.
9
N’ahemadakye nsoromma beduru sum, ɛbɛtwɛn hann, na ebi remma, na ɛrenhu adekyee anisuatɛtɛw.
10
Efisɛ anto m’awo apon mu, na anyi ɔhaw anhintaw m’ani.
11
Ɛdɛn nti na manwu ɔyafunu mu, na mannyaa mu, awoee?
12
Ɛdɛn nti na anankoroma sɔw me, na ɛdɛn nti na metoo nufu minumii?
13
Anka sesɛɛ meda hɔ mayɛ komm, anka mada, ɛno de anka manya ahomeye,
14
me ne ahene ne asase so aguasemfo a wɔkyekyee amamfo fae no,
15
anaasɛ me ne mmapɔmma a wɔwɔ sika, wɔn a wɔde dwetɛ hyehyɛɛ wɔn afi amaama no.
16
Anaasɛ minni hɔ sɛ ɔpɔn ba a wɔakora no, anaa nkokoaa a wɔanhu hann da.
17
Ɛhɔ na abɔnefo nhaw obi bio, na abrɛfo gye wɔn ahome.
18
Ɛhɔ ara na nneduafo te dwoodwoo, wɔnte opiafo nne.
19
Ɛhɔ na onipa ketewa ne onipa kɛse wɔ, na akoa afi ne wura nsa.
20
Ɛdɛn nti na ɔma ɔbrɛfo hann, na ɔde nkwa ma wɔn a wɔn kra werɛ ahow,
21
wɔn a wɔtwɛn owu, na ɛmma, na wɔbɔre hwehwɛ no sen akorade,
22
wɔn a wɔn ani gye mmoroso, na wɔn ho sɛpɛw wɔn sɛ anka wobenya ɔdamoa,
23
ne ɔbarima a wɔde ne kwan ahintaw, na Onyankopɔn de ban atwa ne ho ahyia?
24
Na m’apinisi abesi m’aduan ananmu, na me su gu sɛ nsu.
25
Na nea misuro no, ɛno ara na ɛto me, na nea me bo tutu ho no, ɛba me so.
26
Minnya ahodwo ne kommyɛ ne ɔhome, na ahoguan ara na ɛba.
← Chapter 2
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 4 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42