bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 4
Job 4
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 5 →
1
Ɛnna Temanni Elifas bua kae sɛ:
2
Sɛ obi ka asɛm yi ho bi kyerɛ wo a, ɛbɛyɛ wo ahometew anaa? Nanso etwa sɛ mekasa ara?
3
Hwɛ, wo na woateɛteɛ nnipa bebree so, na nsa a agow no, woahyɛ no den;
4
wo nsɛm ama nea ɔrebɛhwe ase agyina, na nankoroma a agurow no, woahyɛ no den.
5
Na afei ɛtoo wo yi, woagyigya, ɛkaa wo yi, woayɛ basaa.
6
So ɛnyɛ wo nyamesuro ne nea wode wo ho to so, na w’akwan a ɛteɛ ne w’anidaso?
7
Kae ɛ, hena na ɔnyɛɛ bɔne bi na wɔasɛe no, anaa ɛhe na wɔapopa atreneefo pɛn?
8
Manya no nhui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumɔyɛ na wogu mmusu no, ɛno ara na wotwa.
9
Onyankopɔn home sɛe wɔn, na wɔhyew, n’abufuw mframa ano.
10
Sɛnea Gyata mmobɔm ne ɔsebɔ nne gyae, na gyataforo sebɔmmɔfo tutu no, saa ara
11
na gyataforo nnya hanam nti owu, na gyatabere mma bɔ pete.
12
Na me de, asɛm bi wiawiaa ne ho baa me nkyɛn, na m’aso tee ɛho asutu bi.
13
Ɔdadwen a efi anadwo adehu mu mu, bere a nnahɔɔ atɔ nnipa so no,
14
ehu ne ahopopo kaa me, na ɛmaa me nnompe nyinaa wosowee.
15
Na honhom bi twaam faa m’ani so, me ho nwi nyinaa sɔre gyinagyinae,
16
egyinae, nanso manhu ne su, suban bi gyinagyina m’ani so, metee nne bɔkɔɔ bi sɛ:
17
So ɔdesani teɛ sen Onyankopɔn, anaa onipa ho tew sen ne yɛfo?
18
Hwɛ, ne nkoa po, ɔmfa ne ho nto wɔn so, na n’abɔfo no, obu wɔn sɛ wɔtɔ mu;
19
na menne wɔn a wɔte dɔte adan mu, na wɔn nnyinaso wɔ mfutuma mu, na wofurofurow wɔn sɛ abubummabaa.
20
Efi anɔpa kosi anwummere na wɔaposaw wɔn; wɔyera korakora a obi nnwen ho.
21
Sɛ wɔtetew wɔn ho ntamadan hama a, so ɛnyɛ owu na wowu a wɔanhu nyansa bi?
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 5 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42