bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 8
Job 8
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 7
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 9 →
1
Ɛnna Suhini Bildad gyee so sɛ:
2
Enkosi bere bɛn na wobɛka eyinom, na w’anom nsɛm bɛyɛ sɛ mframa dennen?
3
So Onyankopɔn bɛkyea atemmu, anaasɛ Otumfo bɛkyea trenee?
4
Sɛ wo mma ayɛ no bɔne a, wagyaa wɔn de wɔn ahyɛ wɔn mmarato nsam.
5
Sɛ wo ara wohwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan, na wokotɔ srɛ Otumfo no,
6
sɛ wo ho tew na woteɛ a, ampa ara, ɔbɛkanyan ne ho ama wo, na wama wo trenee tenabea adi yiye.
7
Na sɛ mpo wo mfiase ade yɛ ketewa a, w’awiei bɛso kokuroo.
8
Na bisa awo ntoatoaso ɛ, na ma wo koma mmra nea wɔn agyanom abɔre ahu no so.
9
Na yɛn de, nnɛra nko na yefi hɔnom, na yennim hwee, efisɛ yɛn nna yɛ sunsuma, asase so.
10
So ɛnyɛ wɔn na wɔbɛkyerɛ wo na wɔaka akyerɛ wo, na wɔayiyi nsɛm afi wɔn komam?
11
So nkyɛkyerɛ fifi nea ɔwora nni, na mmɛw ama ne ho so nea nsu nni anaa?
12
Ɛda so wɔ ne frɔmfrɔmyɛ mu a wontwae no, edi wura nyinaa kan kisa.
13
Saa ara na wɔn a wɔn werɛ fi Nyankopɔn nyinaa akwan te, na ɔbɔnefo anidaso bɛyera,
14
efisɛ wotwa n’ahotoso, na n’anidaso yɛ ananse ntontan.
15
Otweri ne dan, nso ɛrennyina, okura mu, nso ɛrentena hɔ.
16
Ɔyɛ frɔmfrɔm owia ano, na n’abaa yiyi kata ne turo so,
17
ne ntini mantammantam abokuw ho, ɔhyɛn abo ntam.
18
Sɛ wɔsɛe no fi ne tenabea ɛpa no ka sɛ: Minhuu wo da.
19
Hwɛ, sɛ ne kwan ho ahosɛpɛw te ne no, na mfutuma no mu na afoforo fifi.
20
Hwɛ, Onyankopɔn mpo nea odi mu, na abɔnefo nso, onso wɔn nsa.
21
Ɔde ɔserew bɛhyɛ w’anom ma, na wama ahurusi nne afa w’anofafa mu.
22
W’atamfo befura aniwu, na abɔnefo ntamadan rennyina hɔ bio.
← Chapter 7
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 9 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42