bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 31
Job 31
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 30
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 32 →
1
Apam na me ne m’aniwa apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabun?
2
Na anka dɛn ne Onyankopɔn kyɛfa a efi soro, ne Otumfo agyapade a efi sorɔnsorɔnmmea?
3
So ɛnyɛ ɔsɛe ne obusufo ade, na akatua dennen ne amumɔyɛfo kyɛfa anaa?
4
So ɛnyɛ ɔno na ohu m’akwan, na ɔkan m’anammɔntutu nyinaa?
5
Sɛ midii ahuhude akyi, na me nan pɛɛ nnaadaa ho ntɛm a,
6
ɔnkari me nseniakwanmu mu, na Onyankopɔn nhu me mudi no.
7
Sɛ me nan man fii ɔkwan no so, na me koma dii m’aniwa akyi, na nkekae wɔ me nsam a,
8
ɛnne wɔmma minnua na obi nni, na wontutu me nnɔbae ngu.
9
Sɛ wɔdaadaa me koma ɔbea bi ho, na metɛw me yɔnko pon ano a,
10
ɛnne ma me yere nyam mma obi, na ebinom nkom no so,
11
na ɛno na ɛyɛ aniwusɛm, na ɛno ne asɛnnifo anim amumɔyɛ.
12
Na ɛno ne ogya a ɛhyew kɔ ɔyera amoa mu, na anka ebetutu me nnɔbae nyinaa.
13
Sɛ mammu m’akoa anaa m’afenaa atemmu hwee bere a wɔne me wɔ ɔham bi a,
14
ɛnne sɛ Onyankopɔn sɔre a, dɛn na mɛyɛ? Na sɛ obisa a, dɛn na mede mebua no?
15
So ɛnyɛ nea ɔyɛɛ me no na ɔyɛɛ no ɔyafunu mu, na obiakofo na osiesiee yɛn nyinaa ɛna yam?
16
Sɛ masianka abrɛfo afi nea wɔhwehwɛ ho, na mama akunafo ani abu,
17
na me nkutoo madi me m'aduan, na ayisaa anni mu bi a,
18
mmom efi ne mmofraase na meyɛn no sɛ agya, na efi ne na yam na mekyerɛɛ no kwan,
19
sɛ mahu obi a ntama abɔ no nti ɔreyera, na nkataho bi nni ohiani nsam,
20
na sɛ n’asen mu anhyira me, na wamfa me nguammaa nwi anhyɛ ne ho hyew,
21
na sɛ mama me nsa so ayisaa so, efisɛ mihuu me boa kurow pon mu a,
22
ɛnne me mmati nhuan mfi ne dompe so, na me nsa mmubu mfi ne dompe so.
23
Efisɛ mmusu a efi Onyankopɔn yii me hu, na ne kɛseyɛ nti mantumi manyɛ hwee.
24
Sɛ mede sika mayɛ m’ahotoso, na maka makyerɛ amapa sɛ m’anidaso ne no,
25
na sɛ m’ani gyei sɛ m’ahode dɔɔso, ne sɛ me nsa aka ade bebree,
26
na sɛ mihuu owia hann sɛ ɛhyerɛn, na ɔsram nam ne haran mu,
27
na ɛdaadaa me koma kokoam, na m’ano few me nsa ho de mae a,
28
na anka mapa Onyankopɔn a ɔwɔ soro no akyi ɛno nso ne ɔtemmufo anim amumɔyɛ bi.
29
Sɛ m’ani gyee me tamfo amanehunu ho, na me ho san me sɛ bɔne ato no a,
30
nso mamma m’ano anyɛ bɔne, sɛ mede nnome mɛhwehwɛ ne wu,
31
ampa ara, me ntamadan mufo anka sɛ: Hena na Hiob maa no nam a ammee no?
32
Ɔhɔho biara ansoɛ abɔnten so, mibuee me pon mekyerɛɛ akwantufo,
33
sɛ mekataa me mmarato so sɛ Adam, na mede m’amumɔyɛ misiee me kokom,
34
efisɛ misuroo nkurɔfo dodow na abusuafo ahohorabɔ yii me hu, na ɛma meyɛɛ komm, mamfi me pon ano mamfi adi a —
35
O, sɛ anka merenya obi a obetie me ɛ! (Hwɛ, m’agyirae ni! Otumfo mmua me!) O, sɛ anka ɔbarima a ɔne me anya no bɛkyerɛw asɛm a ɔne me wɔ no ɛ!
36
Anka ampa ara mede mɛto me mmati, mede mɛbɔ me ti sɛ abotiri,
37
anka mɛkyerɛ no m’anammɔntutu dodow, metwiw mabɛn no sɛ ɔhene.
38
Sɛ m’asase teɛm hyɛ me, na n’akofi de nne koro su,
39
na sɛ midii n’aba na mamma sika, na memaa ɔdede hweree ne kra a,
40
ɛnne ma nsɔe mmesi awi ananmu mfifi, na nnɛnkyɛnse mmesi atoko ananmu. Hiob nsɛm no asi.
← Chapter 30
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 32 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42