bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Job 13
Job 13
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 14 →
1
Hwɛ, m’ani ahu ne nyinaa, m’aso nso ate, na ate ase;
2
nea munim no, me nso minim; mentɔ mu wɔ mo mu.
3
Me de, mepɛ sɛ anka me ne Otumfo no mmom bɛkasa, na mehwehwɛ sɛ me ne Onyankopɔn beyiyi nsɛm ano.
4
Na mo de, moyɛ atorofo, ayaresafo ahuhufo ne mo nyinaa.
5
Sɛ mumua mo ano mmom koraa a, anka ɛyɛ nyansa ma mo.
6
Muntie m’atɛnyi, na monyɛ aso mma m’anoyi.
7
So mobɛka nea ɛnteɛ ama Onyankopɔn, na mode nnaadaa aka ama no?
8
So mubegye ne ti, anaasɛ mobɛham ama Onyankopɔn?
9
So ɔhwehwɛ mo mu a, ebesi yiye, anaasɛ mobɛdaadaa no sɛ wɔdaadaa ɔdesani?
10
Sɛ mohwɛ nnipa anim kokoam a, ɔbɛka mo anim ampa.
11
So ne kɛseyɛ rentu mo bo, na ne ho hu mma mo so?
12
Mo mmɛ yɛ nso mmebusɛm, mo anoyi yɛ dɔte anoyi.
13
Mummua mo ani mfi me so, na me ara menkasa, na nea ɛbɛba me so mmra.
14
Adɛn nti na memfa me honam mintua me se ano, na memfa me kra mento me nsam?
15
Sɛ ɔrekum me mpo a, mehwɛ ɔno ara; m’akwan nko na mɛpere n’anim;
16
eyi ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagye, efisɛ ɔbɔnefo remma n’anim.
17
Muntie, muntie nea mewɔ meka, na m’asɛm nkyerɛase nhyɛn mo asom.
18
Hwɛ, masiesie asɛnni mato hɔ, minim sɛ me na medi bem.
19
Hena ne nea ɔne me bɛham? Ɛnne anka mɛyɛ komm na magyaa mu.
20
O AWURADE sɛ woyɛ ade abien pɛ ma me a, anka meremfa me ho minhintaw mfi w’anim:
21
Yi wo nsa fi me so kɔ akyirikyiri, na mma wo ho hu nnkita me;
22
ɛno na frɛ me, na me nso megye so, anaasɛ mɛkasa, na woabua me.
23
Me bɔne ne me mfomso si ahe ara? Ma minhu me mmarato ne me bɔne.
24
Adɛn nti na wode w’ani hintaw, na wubu me wo tamfo?
25
So wubeyi ahaban a mframa de kɔ ahii, na wubetiw nkraadua a aguan?
26
Na wokyerɛw me ho nsɛm yawyaw na woma midi me mmerantebere mu bɔne so ade.
27
Wode me nan hyehyɛ ɛpa mu, na wowɛn m’akwan nyinaa, wutwa m’anammɔn ho hye.
28
Nso onipa de, ɔporɔw sɛ dufɔkye, sɛ ntama a nwewee redi.
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 14 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42