bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 17
Isaiah 17
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 18 →
1
Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ ahenkurow bio, na ɛbɛyɛ afabo kuw.
2
Wɔagyaw Aroer nkurow, mmoakuw afa na wobutubutuw hɔ, na nea obetu wɔn nni hɔ.
3
Na wɔbɛsɛe Efraim abandennen ne Damasko ahenni, na Siria nkae bɛyɛ sɛ Israelfo anuonyam no: Asafo AWURADE na ose.
4
Ɛda no, Yakob anuonyam no besua, na ne honam a adɔ srade no betwam;
5
na ɛbɛyɛ sɛ otwafo buma awi a esisi hɔ, na ɔde ne nsa twa mmɛtem no; na ɛbɛyɛ sɛ nea odi awi mmɛtem mu mpɛpɛwa Refaim bon no mu.
6
Nanso ɛbɛka wɔn mu mpɛpɛwa no bi, sɛ ngo dua porow mu a aba abien anaa abiɛsa wɔ ntɛntɛnoa, anan anaa anum wɔ n’abaa a asow yiye no so no: AWURADE, Israel Nyankopɔn, na ose.
7
Ɛda no na onipa ani begyina ne yɛfo, na n’aniwa bɛhwɛ Israel kronkronni no;
8
na ɔrenhwɛ afɔremuka a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsatea ayɛ no, ɔremmu bio.
9
Ɛda no na ne nkurow a ɛyɛ den no bɛyɛ sɛ Hewifo ne Amorifo nkurow a wɔagyaw wɔ kwae mu ne mmepɔw atifi a wogyawee wɔ Israelfo anim no, na ayeyɛ akurofo.
10
Efisɛ wo werɛ afi wo nkwagye Nyankopɔn, na w’ahoɔden botan no, wonkae no; enti wudua nnua afɛfɛ na wotɛw ananafo nyame som;
11
woma efifi da a wuduae no, na anɔpa a wuduae no ara ɛyɛ frɔmfrɔm, woma egu nhwiren, nanso ɛso aba no betu akɔ, amane ne yaw a enni awiei.
12
Ao, aman bebree huuyɛ, wɔyɛ huu sɛ ɛpo huuyɛ Ao, aman hooyɛ, wɔyɛ hoo sɛ nsu a ɛyɛ den hooyɛ!
13
Aman no yɛ hoo sɛ nsu bebree hooyɛ, ɔka wɔn ma woguan kɔ akyirikyiri, na wotiw wɔn sɛ mmepɔw so ntɛtɛwa, mframa anim, ne mframaden ne mu tutuw, ahum anim.
14
Anwummere no, na hwɛ, piriwbɔ aba; ade nnya nkyee no, na wonni hɔ bio. Eyi ne yɛn dwowtwafo kyɛfa ne yɛn afowfo ade a wonya.
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 18 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66