bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 43
Isaiah 43
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 42
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 44 →
1
Na afei, sɛ AWURADE a ɔbɔɔ wo, Yakob, na ɔnwenee wo, Israel, no ka ni: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, me na wowɔ me.
2
Sɛ woretwa nsu a, me ne wo na ɛwɔ hɔ; na sɛ worefa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhyew wo, na ogyaframa renhyew wo.
3
Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn, Israel kronkronni, wo gyefo no. Mede Misraim ayɛ agyede ama wo, mede Etiopia ne Saba masi w’ananmu.
4
Sɛ wosom bo m’anim, w’anim aba nyam na me na madɔ wo nti, mede nnipa mɛma masi w’ananmu, na mede aman bi masi wo kra ananmu.
5
Nsuro, na me na me ne wo te. Mede w’asefo mefi apuei aba, na mafi atɔe maboa wo ano;
6
mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafo fam sɛ: Nkora so! Fa me mmabanin fi akyirikyiri bra, ne me mmabea fi asase ano:
7
Obiara a wɔbɔ me din frɛ no, na mebɔɔ no memaa m’anuonyam, menwenee no na meyɛɛ no no.
8
Fa ɔman a wɔyɛ anifuraefo nanso wɔwɔ aniwa no fi bra, ɛne asotifo a wɔwɔ aso no.
9
Amanaman nyinaa, munhyia faako, na aman horow mmoa ano. Mo mu hena na ɔbɛka eyi? Na kan nneɛma no, wɔmma yentie! Wɔmma wɔn adansefo mmra, na wonni bem; anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Nokware!
10
Mone m’adansefo, AWURADE na ose, ne m’akoa a mayi no no, sɛ munhu na munnye me nni, na munhu mu sɛ me ara mene no. Wɔnnwenee onyame bi m’anim ɛ, na m’akyi nso obiara remma.
11
Me, mene AWURADE, na ogyefo bi nni hɔ sɛ me!
12
Me na maka, na magye nkwa, na mama wɔate, na ɔfoforo bi nni mo mu; na mone m’adansefo, AWURADE na ose.
13
Mene Nyankopɔn, na efi nnɛ nso, mene no, na obi nni hɔ a oyi fi me nsam; mɛyɛ ade, na hena na ɔbɛdan ani?
14
Sɛ AWURADE, mo dimafo, Israel kronkronni no se ni: Mo nti mɛsoma akɔ Babel, na mabubu adaban nyinaa, na mama Kaldeafo ahurusidi adan adwotwa.
15
Me, AWURADE, mene mo kronkronni, Israel bɔfo, mo hene no.
16
Saa na AWURADE se, nea ɔma ɛpo mu da ɔkwan na ɔsa da asu a ɛyɛ den mu no,
17
nea ɔmaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ, ɛdɔm ne nnɔmmarima fii adi no, wɔn nyinaa dedae, na wɔansɔre bio, wɔsae, wodunnumii sɛ asaawa,
18
Monnkae kan nsɛm, na munnnwen atetede.
19
Hwɛ, mereyɛ ade foforo bi, afei na ɛrefifi, so munhu? Mɛbɔ sare so kwan, mɛma nsubɔnten aba anwea pradada so.
20
Wuram mmoadoma bɛhyɛ me anuonyam, sakraman ne nsohori, sɛ mama nsu aba sare so na nsubɔnten aba anwea pradada so, na mede mama me man a mapaw wɔn no anom,
21
ɔman a manwene wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyi akyerɛ.
22
Nanso ɛnyɛ me na wofrɛɛ me, O Yakob, na me ho ayɛ wo mfonee, o Israel!
23
Woammrɛ me wo hyew afɔre nguan, na woamfa w’afɔre anhyɛ me anuonyam; mamma woamfa aduan afɔre ansom me, na mamma woammrɛ aduhuam ho;
24
woamfa dwetɛ antɔ ahwerew amma me, na woamma w’afɔre srade ammee me, na mmom, wode wo bɔne yɛɛ m’adesoa, na wode w’amumɔyɛ ma mebrɛe.
25
Me, me ara, mene nea ɔpopa wo mmarato, me ara nti, na wo bɔne nso, merenkae.
26
Bɔ me sobo ɛ, na yemmeyiyi ntɛn; wo de, ka w'asɛm, na woadi bem.
27
W’agya a odi kan no ayɛ bɔne, na wo kasamafo afomfom me,
28
enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, na mayi Yakob mama mmusu, na mede Israel mama adapaabɔfo.
← Chapter 42
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 44 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66