bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 48
Isaiah 48
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 47
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 49 →
1
Muntie eyi, Yakob fi, mo a wɔde Israel din afrɛ mo na mufi Yuda asen mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokware anaa trenee mu no.
2
Na wɔde kurow kronkron no frɛ wɔn ho, na wotweri Israel Nyankopɔn a asafo AWURADE ne ne din no.
3
Kan nneɛma no, mifi mekae ɛnyɛ nnɛ, na efii m’anom, na mama wɔate; mpofirim na meyɛe, na ɛbae.
4
Efisɛ minim sɛ woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ ɔdaban, na wo moma yɛ kɔbere;
5
enti na meka mekyerɛɛ wo akyɛ; ennya mmae no, mema wotee, na woanka sɛ: M’adwinhoni na ɔyɛe, me honi a wɔasen ne me gu honi na wɔhyɛe.
6
Woate; na afei hwɛ eyi nyinaa; na wo nso worenka nkyerɛ? Merema woate nsɛm foforo afi sesɛɛ, ne nea wɔakora so a wunhui no;
7
afei na wɔabɔ, na emfi tete, na wontee da gye nnɛ, na woanka sɛ: Hwɛ, minim dedaw.
8
Wontee pɛn, nso wunhui ɛ, efi tete na w’aso mmuei; na minim sɛ nkontompo ara na wutwa, na wɔfrɛ wo mmaratofo fi yafunu mu.
9
Me din nti na metwentwɛn m’abufuw ase, na m’ayeyi nti midwoo m’ani memaa wo, na mansɛe wo.
10
Hwɛ, manan wo, nso ɛnyɛ sɛ dwetɛ, masɔ wo ahwɛ, amane fononoo ahorow mu.
11
Me nti, me nti ara na meyɛ; efisɛ, wonhura me din ho dɛn? Meremfa m’anuonyam memma obi.
12
Tie me, O Yakob, ne Israel a mafrɛ wo, mene no, mene odikanfo, na me ara nso ne okyidifo.
13
Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase ase, na me nifa de ɔsoro trɛw hɔ; sɛ mefrɛ wɔn a, wobegyinagyina hɔ.
14
Mo nyinaa mommoaboa mo ho ano ntie: Wɔn mu hena na ɔkaa eyinom? Nea AWURADE dɔ no no bɛyɛ n’anisɔde Babel ho, na ne basa ayɛ Kaldeafo ho.
15
Me, me na maka, nso mafrɛ no; mama waba, na ne kwan yɛ no siadekwan.
16
Muntwiw mmɛn me, muntie eyi. Ɛnyɛ ahintawee mu na mifi mfiase mekasae; efi bere a ɛbae no na mewɔ hɔ, na afei AWURADE Nyankopɔn asoma me ne ne honhom.
17
Sɛ AWURADE se ni: Wo dimafo, Israel kronkronni no: Me AWURADE, wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.
18
Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye,
19
Anka w’asefo bɛdɔ sɛ anwea, na wo yafunu mufo ayɛ sɛ atoko; wɔrentwa wɔn din nkyene, na wɔrensɛe no mfi m’anim.
20
Mumfi Babel, munguan mfi Kaldeafo mu; momfa ahurusi nne nka eyi, monteɛm mma wɔnte, momma emfi nkodu asase ano. Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob.
21
Ɔde wɔn nam anwea pradada so no, nanso osukɔm anne wɔn; otuee nsu fii ɔbotan mu maa wɔn, ɔpaee ɔbotan mu maa nsu senee.
22
Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo, AWURADE na ose.
← Chapter 47
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 49 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66