bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 24
Isaiah 24
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 23
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 25 →
1
Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama ada mpan, na wadan ani abutuw, na wabɔ ɛsofo apete,
2
na sɛnea ɛbɛyɛ ɔman no, sɛ ɛbɛyɛ ɔsɔfo ara nen, sɛ ɛbɛyɛ akoa no, saa ara na ɛbɛyɛ ne wura, na sɛ ɛbɛyɛ afenaa no, sɛ ɛbɛyɛ n’awuraa ara nen, na ɛbɛyɛ ɔtɔfo sɛ ɔtɔnfo, ne ɔdefirifo sɛ ɔdefɛmfo pɛ, na nea ɛbɛyɛ ɔkafo no, sɛ ɛbɛyɛ ɔkafoni ne no.
3
Wɔbɛsɛe asase pasaa, na wɔafow no pasaa, efisɛ AWURADE na waka asɛm yi.
4
Asase abotow na akisa, asase asɛe, na akisa, na ɔsoro ne asase so anuonyamfo asɛe.
5
Asase ho akum wɔ ɛsotefo ase, efisɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakra ahyɛde no na wɔato daa apam no.
6
Enti na nnome amene asase, na ɛsotefo hu amane wɔn bɔne nti; enti na asase sofo ahyew, na aka so nnipa ketewaa bi.
7
Nsamono twa adwo, obobe asɛe; wɔn a wɔn koma tɔɔ wɔn yam nyinaa si apini;
8
Mpintin ho ahurusidi agyae, ahosɛpɛwfo hooyɛ to atwa, ɔsanku ho ahurusidi agyae;
9
wɔmfa dwonto nnom nsa, nsa yɛ ne nomfo nwene.
10
Wɔaburuw sakasaka kurow no, wɔatoto afi nyinaa mu mma obi nkɔ mu.
11
Wosu bobesa kɔm mmorɔn so, anigye nyinaa agu, asase so ahurusidi atu kɔ.
12
Nea aka kurow mu ne ɔsɛe, wɔabubu kurow apon pasaa.
13
Na saa na ɛbɛba asase no so, aman no mu, sɛ ngodua porow, sɛ bobe abatew akyi mpɛpɛwadi.
14
Wɔn de, wɔde anigye bɛma wɔn nne so ato dwom. AWURADE kɛseyɛ nti wɔde ahosɛpɛw bɛteɛm afi atɔe fam.
15
Enti monhyɛ AWURADE anuonyam wɔ apuei fam, ne mpoano asase so monkamfo AWURADE, Israel Nyankopɔn, din.
16
Yɛte ayeyi nnwom a efi asase ano sɛ: Anuonyam nka ɔtreneeni no. Na mise: Meresa, meresa, minnue! Atorofo retwa atoro, ampa ara atorofo retwa atoro pii.
17
Ehu ne oku ne afiri da hɔ ma wo a wote asase so;
18
na nea oguan fi ehu nkate ho no kɔtɔ oku mu, na nea waforo afi oku no mu no, wɔde afiri yi no. Na wohiɛhiɛ soro mfɛnsere ma asase nnyinaso wosowosow.
19
Oburuw na asase buruw pasaa, ɔpae na asase pae, ɔpopo na asase popo.
20
Asase tɔ ntintan sɛ ɔsabofo, na ehinhim sɛ asesewa bi na ne mmarato ayɛ no so duru, na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.
21
Ɛda no, AWURADE bɛtwe ɔsoro dɔm aso, ɔsoro, ne fam ahene aso, ɛfam.
22
Wɔbɛboaboa wɔn ano sɛ wɔboaboa nneduafo ano amoa mu na wɔato wɔn mu, nneduadan mu, na nna bebree akyi no, wɔatwe wɔn aso.
23
Na ɔsram ani bedum, na owia anim agu ase, efisɛ asafo AWURADE di hene Sion bepɔw so ne Yerusalem, ne ne mpanyimfo anim anuonyam mu.
← Chapter 23
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 25 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66