bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 38
Isaiah 38
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 37
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 39 →
1
Ɛbere no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos ba odiyifo Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hyɛ wo fi samansew, na worebewu, na worennya nkwa.
2
Ɛnna Hesekia dan n’ani kyerɛɛ ɔfasu, na ɔbɔɔ AWURADE mpae sɛ:
3
Ao, AWURADE, kae sɛnea manantew w’anim nokware mu ne koma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ nea eye w’ani so. Na Hesekia suu osu kɛse.
4
Ɛnna AWURADE asɛm baa Yesaia nkyɛn sɛ:
5
Kɔ na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn, se ni: Mate wo mpaebɔ, mahu wo nusu, hwɛ, mede mfe dunum mɛto wo nna so,
6
na megye wo ne kurow yi afi Asaria hene nsam, na mabɔ kurow yi ho ban.
7
Na eyi nyɛ wo AWURADE nsam sɛnkyerɛnne, sɛ AWURADE bɛyɛ ade a waka no:
8
Hwɛ, merebɛsan owia dɔn so sunsuma a owia ma esianee Ahas owia dɔn so no mama akɔ akyiri nkyekyɛmu du. Na owia san n’akyi owia dɔn no so nkyekyem du a asian dedaw no.
9
Nsɛm a Yuda hene Hesekia, a ɔyaree na onyaa ne yare mu nkwa no kyerɛwee ni:
10
Me de, mekae sɛ: Me nna mfinimfini na merekɔ asaman abobow ano, wɔregye me nsam me mfe nkae.
11
Mise: Merenhu AWURADE bio, wɔ ateasefo asase so; merenhu nnipa bio, wɔn a wɔte asaman no mu.
12
Wɔayi me tenabea ma atu afi me ho kɔ sɛ oguanhwɛfo ntamadan, mabobɔw me nkwa sɛ ɔtamanwemfo; worebetwa me afi asadua no mu: Worewie me da koro adesae.
13
Midwudwoo me ho mikosii anɔpa, obubuu me nnompe nyinaa sɛ gyata: Worewie me da koro adesae.
14
Misii apini sɛ asomfena, sɛ asukɔnkɔn, midii nkɔmmɔ sɛ aborɔnoma; m’aniwa yɛɛ siamoo hwɛɛ ɔsoro sɛ: Awurade, me ho kyere me, di ma me!
15
Dɛn na menka? Wakasa akyerɛ me na wayɛ. M’ani asare dwe, me kra awerɛhow no nti.
16
O Awurade, ɛno so na nnipa nam tena ase, na ɛno nkutoo mu na me honhom nkwa wɔ: Ɛnne na ma me ho nsan, na ma minnya nkwa.
17
Hwɛ, sɛ na m’asomdwoe nti, na wo na woayi me kra afi ɔsɛe amoa mu de afam wo ho, efisɛ wotow me bɔne nyinaa guu w’akyi.
18
Na ɛnyɛ asaman na ɛda wo ase, ɛnyɛ owu na eyi wo ayɛ. Wɔn a wosian kɔ amoa mu no ntwɛn wo nokware;
19
Ɔteasefo, ɔteasefo na ɔda wo ase, sɛ meyɛ nnɛ yi; agya ma ne mma hu wo nokware.
20
AWURADE begye me nkwa, na yɛbɛbɔ sanku yɛn nkwa nna nyinaa, wɔ AWURADE fi.
21
Afei Yesaia kae sɛ wɔmfa borɔdɔma tɔw ntare pɔmpɔ no so, na obenya ahoɔden.
22
Na Hesekia nso kae sɛ: Dɛn ne sɛnkyerɛnne sɛ mɛkɔ AWURADE fi?
← Chapter 37
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 39 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66