bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 33
Isaiah 33
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 32
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 34 →
1
Due, ɔsɛefo a wo de, wɔnsɛee wo ɛ, wo ɔfatwafo a wɔmfaa wo ntwae ɛ! Sɛ wuwie ɔsɛe no a, wɔbɛsɛe wo na sɛ wunya wie ɔfatwa a, wɔde wo betwa so.
2
O, AWURADE, dom yɛn, wo na yɛtwɛn wo. Yɛ yɛn basa daa adekyee, ne yɛn nkwagye, ahohia bere mu.
3
Hooyɛ no ano na aman guanguan, wo ho soma ano na amanaman pete.
4
Na wɔtase asade sɛ ntuntummɛ tase ade, sɛnea mmoadabi huruhuruw no, saa ara na wohuruhuruw wɔ so.
5
Wɔama AWURADE so, na ɔte soro tɔnn; ɔde atemmu ne trenee ahyɛ Sion ma.
6
Na ɔmannwoe, nkwagye, nyansa ne nimdeɛ mmoroso bɛba wo bere so; AWURADE suro ne n’ademude.
7
Hwɛ, wɔn abran reteɛm mmorɔn so, asomdwoe bɔfo resu osu yawyaw;
8
Akwantempɔn ada mpan, akwantemfo agyaa mu twa; wabu apam no so, wabu nkurow animtiaa, ommu ɔdasani bi.
9
Asase redi nkɔmmɔ, akisa; Lebanon ani awu, na aguan koraa; Saron adan anweatam, Basan ne Karmel so nhaban apo.
10
AWURADE se: Afei mɛsɔre, afei mɛma me ho so, afei wɔbɛma me so.
11
Modwene ade huhuw, na mo nsusuwii yɛ ɔkwa; mo ahome yɛ ogya a ɛbɛhyew mo.
12
Na aman bɛyɛ akado a wɔahyew, nkraadua a wɔatwa a wɔde gya sɔ ano.
13
Mo a mowɔ akyirikyiri, muntie nea mayɛ, na mo a mobɛn, munhu me mmaninyɛ.
14
Sion mu nnebɔneyɛfo ho popo, na ehu aka ahuhufo: Yɛn mu hena na ɔbɛtena ogya a ɛhyew ade ho? Yɛn mu hena na ɔbɛtena daa hyew mu?
15
Nea ɔnam trenee mu na ɔka nea ɛteɛ, nea okyi apempensika, nea ɔtwe ne nsa na anso anadwode mu, nea osisiw n’aso na ante mogya ho asɛm, na omua n’aniwa na anhu bɔne,
16
ɔno na ɔbɛtena sorɔnsorɔmmea, abotan aban bɛyɛ no guankɔbea, wɔde n’aduan bɛma no, ne nsu remmɔ no da.
17
W’aniwa behu ɔhene n’ahoɔfɛ mu, ebehu asase a ɛtrɛw haharaa.
18
Wo koma bedwen ahude no ho: Ɔkanfo no wɔ he? Ɔkarifo no wɔ he? Nea ɔkan abantenten no wɔ he?
19
Worenhu anuɔdenfo, ɔman a wɔn kasa mu dɔ a wɔnte, na wɔpɔtɔ a wɔnte ase no.
20
Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kurow no, w’aniwa behu Yerusalem, ofi a ɛyɛ komm, ntamadan a entwiw nkɔ a wɔrentutu ne mmofunnua da biara da na ne ntampehama biara rentetew no.
21
Na mmom AWURADE bɛtena hɔ ama yɛn, tumidi mu, kurow a ɛho wɔ asu akɛse ne nsuwansuwa; atabon ahyɛmma biara renkɔ mu, na ahyɛn akɛse rentwam wɔ hɔ.
22
Na AWURADE ne yɛn temmufo, AWURADE ne yɛn hene ɔno na obegye yɛn nkwa.
23
Wo ntampehama mu agow, entumi nsuso ne hyɛn dua mu, na ɛntrɛw hyɛn ntama mu. Ɛno na wɔbɛkyɛ asade a wɔafa no bebree mu, mpakye po bɛfow ade.
24
Na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn.
← Chapter 32
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 34 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66