bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 7
Isaiah 7
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 6
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 8 →
1
Na ɛbae sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene bere so no, Siria hene Resin ne Israel hene Peka a ɔyɛ Remalia ba, baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, nanso wɔantumi no.
2
Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fi sɛ: Siria abɛbɔ Efraim mu. Ɛnna ne koma ne ne man koma wosowee sɛ kwae mu nnua wosow mframa anim.
3
Na AWURADE ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Fi kohyia Ahas wo ne wo ba Sear-yasub, wɔ atifi tare suka no ano a ɛkyerɛ ntamasifo afuw tempɔn so no,
4
na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yiye, na yɛ komm, nsuro, na mmma wo koma nntu, nnyentia abien a efi wusiw yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyew no nti.
5
Esiane sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no apam wo tiri so apammɔne sɛ:
6
Momma yɛnkɔ Yuda so na yɛnkɔhaw no, na yemmubu mu mfa, na yensi Tabeel ba no hene wom.
7
Enti sɛɛ na AWURADE se: Ɛrennyina na ɛremma so,
8
na Aram ti ne Damasko, na Damasko ti ne Resin. Na ɛha mfirihyia aduosia anum no, wobebubu Efraim na anyɛ ɔman bio.
9
Na Efraim ti ne Samaria, na Samaria ti ne Remalia ba no. Sɛ moannyina mo gyidi mu yiye a, mobɛhwe ase koraa.
10
Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ:
11
Bisa AWURADE wo Nyankopɔn hɔ sɛnkyerɛnne fa, esian kɔ asaman oo, ɛkorɔn kɔ ɔsoro oo!
12
Na Ahas se: Meremmisa, na merensɔ AWURADE menhwɛ.
13
Ɛnna ose: Dawid fi, muntie ɛ! So ɔhaw a mohaw nnipa yi, ɛnnɔɔ mo so, sɛ mobɛhaw me Nyankopɔn nso?
14
Enti Awurade ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato no din Imanuel ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.
15
Nufusu ani srade ne ɛwo na obedi, bere a okyi bɔne na ɔyɛ papa no;
16
na abarimaa no nnya nhuu bɔne kyi, ne papa fa no, wobegyaw asase a wusuro n’ahene baanu anim no.
17
AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man ne w’agya fi so, nna a ɛmmae da fi bere a Efraim tew fii Yuda ho no: Ɛne Asaria hene.
18
Na ɛda no, AWURADE bɛbɔ hwirema afrɛ nwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awiei no, ne ɔdowa a ɔwɔ Asaria asase so no,
19
na wɔn nyinaa aba abesisi abon a esian kuronkuron ne abotan mpaepae mu ne nsɔe nyinaa so ne sare nyinaa so.
20
Ɛda no ara na Awurade de oyiwan a wɔabɔ no paa asuogya hɔnom a ɛne Asaria hene no, beyi eti ne anan ho nwi, na ayi bogyesɛ nso.
21
Na ɛda no, obi bɛyɛn nantwiforo ne nguan abien bi,
22
na nufusu a obenya no dodow nti, obedi nufusu ani srade, na nufusu ani srade ne ɛwo ara na wɔn a wɔbɛka asase no so nyinaa bedi.
23
Na ɛda no, baabiara a bobe apem a edi nnwetɛbona apem kan wɔ no bɛdan nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko.
24
Agyan ne ta na wɔde bɛba hɔ, efisɛ asase no nyinaa ayɛ nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko;
25
na mmepɔw a anka wɔde asɔw dɔw so nyinaa no, nguare ne nsɔe ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio, na wobegyaa anantwi akɔ so, na nguan atiatia so.
← Chapter 6
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 8 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66