bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 40
Isaiah 40
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 39
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 41 →
1
Monkyekye, monkyekye me man werɛ, mo Nyankopɔn na ose.
2
Monka abodwoesɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akode asa, sɛ wɔde ne mfomso akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho.
3
Obi nne teɛm sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, sare so, monteɛ anwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn.
4
Wɔmmoma abon nyinaa so, na wɔmmrɛ mmepɔw ne nkoko nyinaa ase; na nea ɛyɛ afuafu nyɛ asasetaw, na abonkyiabonkyi nyɛ toromtorom.
5
Na AWURADE anuonyam beyi ne ho adi, na ɔhonam nyinaa abom ahu, efisɛ AWURADE ano na aka.
6
Ɛnne bi se: Teɛm! Na mise: Menteɛm dɛn? Ɔhonam nyinaa yɛ wura, na ne papa nyinaa te sɛ wuram nhwiren.
7
Wura guan, nhwiren twam, na AWURADE ahome huw fa so. Ampa, ɔman no yɛ wura.
8
Wura guan, nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm tim hɔ daa.
9
Foro kɔ bepɔw a ɛkorɔn so, O ɔsɛmpakafo Sion. Ma wo nne so ahoɔden so, O ɔsɛmpakafo Yerusalem. Ma so nsuro; ka kyerɛ Yuda nkurow sɛ: Hwɛ, mo Nyankopɔn ni.
10
Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn de tumi reba, na ne basa bedi nim ama no; hwɛ, n’akatua ka no ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.
11
Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.
12
Hena na ɔde ne nsayam asusuw nsu, na ɔto ɔsoro nsaama, na ɔde susukora hyɛ asase so mfutuma, na ɔkari mmepɔw nsenia mu ne nkoko nsenia nkora mu?
13
Hena na ɔteɛ AWURADE honhom so, na ɔfotufo bɛn na ɔma ohu ade?
14
Ɔne hena na atu agyina, na wama wahu biribi, na wakyerɛ no atemmu kwan, na wakyerɛ no nimdeɛ, na wama wahu nhumu kwan?
15
Hwɛ, amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ, na wobu wɔn sɛ nsenia mu mfutumawa bi. Hwɛ, ɔmoma mmepɔw so sɛ mfutuma fekɔfekɔ.
16
Na Lebanon nso hyew, na ne mmoadoma nso ɔhyew afɔre.
17
Amanaman nyinaa nyɛ hwee n’anim; obu wɔn sɛ ade a ɛnyɛ hwee ne adehunu.
18
Na hena ho na mode Nyankopɔn bɛto, na suban bɛn na mode besusuw no?
19
Ohoni de, odwumfo na ogu, na sikadwumfo de sika dura ho, na ɔde dwetɛ ntweaban gugu ho;
20
nea ayɛyɛde abɔ no no paw dua a ɛmporɔw; ɔhwehwɛ odwumfo nyansafo fa, na wasen ohoni a ɛnkeka ne ho.
21
So munhui? So montee ɛ? So womfii mfiase nka nkyerɛɛ mo? So efi asase nnyinaso so, montee biribiara ase?
22
Ɔno na ɔte asase kontonkron so, na ɛsotefo te sɛ mmoadabi. Ɔno na ɔtrɛw soro mu sɛ twamtam, na ɔyere mu sɛ ntamadan a wɔtena mu.
23
Ɔno na ɔma abirempɔn yɛ sɛ wɔnyɛ hwee, ɔdan asase so akannifo sɛ ahuhude.
24
Wɔtɛw wɔn ara pɛ, woduaa wɔn ara pɛ, wɔn dua gyee asase mu ntini ara pɛ, na wahuw afa wɔn so ama wɔakisa na ahum asoa wɔn kɔ sɛ ntɛtɛwa.
25
Na ɛhena ho na mode me bɛto na me ne no asɛ? Ɔkronkronni no na ose.
26
Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.
27
Ɛdɛn nti na, Yakob, woka, na Israel, wokasa sɛ: Me kwan ahintaw AWURADE, na me Nyankopɔn abu n’ani agu m’atemmu so?
28
So wunhui? So wontee ɛ? AWURADE yɛ daa Nyankopɔn Ɔno na ɔbɔɔ asase awiei no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa abaw; na ne nhumu mu nni ahwehwɛye.
29
Ɔno na ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso.
30
Mmerante brɛ, na wɔpa abaw, na nkwankwaa hwehwe ase.
31
Na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no benya ahoɔden foforo, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔre, wobetu mmirika, na wɔremmrɛ, wɔbɛnantew, na wɔrempa abaw.
← Chapter 39
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 41 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66