bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 29
Isaiah 29
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 28
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 30 →
1
Due, Ariel, Ariel, kurow a Dawid bɛtenaa mu no! Momfa afe nka afe ho, momma afahyɛ ntwa nhyia.
2
Na mɛma Ariel ho akyere no, na nkɔmmɔdi ne abubuwbɔ aba, na Yerusalem adan me sɛ Ariel a ase ne: Onyankopɔn muka.
3
Na mɛbɔ wo ho nsra mahyia, na mede srafo matwa wo ho dantaban, na mahɔre wo ho mpempe mahyɛ wo.
4
Na wobɛhwe ase, ɛfam na wufi bɛkasa, mfutuma mu na w’asɛm befi ayɛ huhuhuhu; wo nne bɛyɛ sɛ ɔsaman de afi fam, na mfutuma mu na w’asɛm asutu befi.
5
Na w’atamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfutuma fekɔfekɔ, na atirimmɔdenfo bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛwa a ɛsen kɔ, na ɛbɛba mpofirim, afrɛso.
6
Asafo AWURADE bɛba abɛhwɛ wo, ɔde ɔprannaa ne asasewosow ne gyegyeegye kɛse, kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade na ɛbɛba.
7
Na amanaman bebrebe a wɔatu Ariel so sa no nyinaa, wɔn a wɔtoa no ne n’aban hiahia ne ho no nyinaa, bɛyɛ sɛ ɔdae, anadwo adehu.
8
Na ɛbɛyɛ sɛ, obi a ɔkɔm de no so dae, na hwɛ, ɔredidi, na onyan a, ɔkɔm da so de no, anaasɛ, nea osukɔm de no so dae, na hwɛ ɔrenom nsu, na onyan a, na watɔ piti, na osukɔm da so de no, saa ara na amanaman bebrebe a wɔabetu Sion bepɔw so sa no nyinaa bɛyɛ.
9
Mo ani so nyɛ mo yaa na mo ho nnwiriw mo, monkeka mo ani mfomfam na mo ani mfura. Bow, nso ɛnyɛ nsa; Tɔ ntintan, nso emfi mpahyewa,
10
na AWURADE de nnahɔɔ honhom agu mo so, na wamuamua mo aniwa a ɛne adiyifo no, na mo ti a ɛne adehufo no, wakata so.
11
Na eyi nyinaa ho adehu bɛyɛ mo sɛ nhoma a wɔasɔw ano mu nsɛm, wɔde ma nea onim nhoma sɛ: Kan eyi ɛ! A, ɔka sɛ: Mintumi, na wɔasɔw ano.
12
Anaasɛ, wɔde ma nea onnim nhoma sɛ: Kan eyi ɛ! A, ɔka sɛ: Minnim nhoma.
13
Na Awurade se: Esiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me na wɔde wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma ne me ntam pan, na osuro a wosuro me no ayɛ nnipa ahyɛde a wɔasua nko nti,
14
hwɛ, mɛkɔ so me ne ɔman yi adi anwonwasɛm ma ayɛ nwonwa ne ahodwiriw, na wɔn anyansafo nyansa ayera, na wɔn nhumufo nhumu atu.
15
Wonnue, wɔn a wɔde agyinatu hintaw AWURADE fee, na wɔn nneyɛe wɔ esum mu, na wɔka sɛ: Hena na ohu yɛn anaa hena na onim yɛn?
16
Musi nneɛma ti ase! So wobu ɔnwemfo sɛ dɔte, na ayɛde aka akyerɛ ne yɛfo sɛ: Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me, anaa annwene aka akyerɛ ɔnwemfo sɛ: Onnim de!?
17
So ɛnyɛ kakraa bi na aka na Lebanon adan nnuaba turo, na nnuaba turo nso, wɔabu no sɛ kwae?
18
Ɛda no, asotifo bɛte nhoma mmobɔe no mu nsɛm, na anifuraefo aniwa afi kusuu ne sum mu ahu ade;
19
na wɔn a wodwo benya AWURADE mu anigye foforo, na nnipa mu ahiafo ho asɛpɛw wɔn Israel kronkronni no mu;
20
na otirimmɔdenfo nni hɔ bio na ahiiyifo asa, na wɔatwa wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm nyinaa akyene,
21
wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano, na wosum nea ɔteɛ nnipa so wɔ kurow pon mu no afiri, na wɔde asɛnhunu bi tu ɔtreneeni asɛm gu.
22
Enti sɛ AWURADE a ogyee Abraham no ka kyerɛ Yakob fi ni: Afei Yakob ani renwu bio, na afei aniwu remma n’anim ntu fitaa bio.
23
Na sɛ ohu ne mma, ne me nsa ano adwuma wɔ wɔn mu a, wɔbɛma me din ayɛ kronkron, na wɔatew Yakob kronkronni no ho, na wɔafɛre Israel Nyankopɔn no.
24
Na wɔn a wɔfom wɔ honhom mu benya ntease, na anwiinwiifo nso ani begye kyerɛkyerɛ ho.
← Chapter 28
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 30 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66