bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 19
Isaiah 19
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 18
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 20 →
1
Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum harehare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuw ho bɛpopo n’anim, na Misraim koma anan wɔ ne mu.
2
Na mɛhwanyan Misraim mahyɛ Misraim, na wɔne wɔn ho wɔn ho akoko, onua ne onua, adamfo ne adamfo, kurow ne kurow, ahenni ne ahenni.
3
Na Misraim honhom bɛsa wɔ ne mu, na n’agyinatu nso, mahwete na wɔakɔ akobisa abosonhuhuw ne kaberɛkyerefo ne asamanfrɛfo ne asumanfo.
4
Na mede Misraimfo mɛhyɛ owura tirimmɔdenfo nsa, na ɔhene a ɔyɛ den adi wɔn so: AWURADE, asafo AWURADE, na ose.
5
Na asubɔnten Nil mu nsu bɛyow, na asu no bɛmem na asa ayɛ kesee,
6
na nsubɔnten no bɛbɔn, na Misraim nsuka no atwe asa nnemmire ne sakran benyinnyam.
7
Nil kɔn so ne Nil ano wura a efuw ne ade a wɔadua Nil ho nyinaa bɛhyew apete asɛe pasaa;
8
na apofofo no begu ahome, na wɔn a wɔto Nil mu nnarewa adi nkɔmmɔ, na nsu no ani asawugufo ahodwow;
9
na siwabiri mfuturu srɛnfo ne nweranwemfo ani bewu.
10
Asase no adum bebubu na apaadifo nyinaa werɛ ahow.
11
Soan mmapɔmma yɛ nkwasea ara nko, na Farao afotufo mu anyansafo afotu adan nkwaseasɛm. Ɛdɛn na muse Farao sɛ: Anyansafo ba ne me, tete ahene no ba?
12
Ɛhe na afei w’anyansafo no wɔ? Na wonyi nkyerɛ wo, na wonhu agyina a asafo AWURADE atu, Misraim so.
13
Soan mmapɔmma adan nkwasea, na Memfis mmapɔmma nso ayera, na wɔn a wɔyɛ mmusuakuw no mu tweabo adaadaa Misraim.
14
AWURADE ahwie anisobiri honhom agu no mu, na wɔama Misraim agyigya, ne nneyɛe nyinaa mu, sɛnea ɔsabofo yantam ne fe mu no.
15
Na biribiara nni hɔ a eti anaa dua, mpopa anaa mmɛw, betumi ayɛ ama Misraim.
16
Ɛda no, Misraim bɛyɛ sɛ mmea, na wobesuro na wɔn ho apopo, asafo AWURADE nsa wosow a ɔbɛwosow wɔ wɔn so no nti.
17
Na Yuda asase ho bɛyɛ Misraim hu, obiara bɔ ne din a, wɔn ho bɛpopo, asafo AWURADE agyina a watu, Misraim ho no nti.
18
Ɛda no, Misraim asase so ahenkurow anum bɛkasa Kanaan kasa, na wɔaka AWURADE ntam; na wɔbɛfrɛ biako sɛ: Ɔsɛe kurow.
19
Ɛda no na wɔde afɔremuka besi Misraim asase mfinimfini ama AWURADE, na ɔbodum besi ne hye ho ama AWURADE,
20
na ayɛ sɛnkyerɛnne ne adanse ama asafo AWURADE, Misraim asase so, na sɛ wosu frɛ AWURADE, ahawfo anim a, wasoma ogyefo ne ɔsɛnnifo aba wɔn nkyɛn abegye wɔn.
21
Na AWURADE beyi ne ho adi ama Misraim ahu no, na Misraimfo behu AWURADE ɛda no, na wɔde afɔre ne ayɛyɛde asom no, na wɔahyɛ AWURADE bɔ na wɔama.
22
Na AWURADE bɛbobɔ Misraim, ɔbɛbobɔ wɔn, na wasa wɔn yare; na wɔbɛsan aba AWURADE nkyɛn, na watie wɔn asa wɔn yare.
23
Ɛda no, ɔtempɔn bɛda afi Misraim akɔ Asiria, na Asiriafo aba Misraim, na Misraimfo akɔ Asiria, na Misraimfo ne Asiriafo abom asom.
24
Ɛda no, Israel bɛto Misraim ne Asaria so abiɛsa ayɛ nhyira, asase mfinimfini,
25
esiane sɛ asafo AWURADE ahyira wɔn sɛ: Nhyira nka me man Misraim ne me nsa ano adwuma Asaria ne m’agyapade Israel.
← Chapter 18
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 20 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66