bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 23
Isaiah 23
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 22
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 24 →
1
Tiro ho atemmusɛm. Mo Tarsis ahyɛn, muntwa adwo, na wɔasɛe Tiro abandennen no, ofi nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio! Efi Kitim asase so na woyi kyerɛ wɔn.
2
Mo mpoanofo, monyɛ komm! Sidon aguadifo a wotwa po no yɛɛ wo ma;
3
na wɔfaa nsu bebree so wo sika fi Sihor nnɔbae mu, ne Nil ano awi bae, na woyɛɛ amanaman mu aguadifo.
4
Sidon, ma w’ani nwu; na ɛpo, po mu abankɛse, ka sɛ: Mankyem na manwo mma da, na manyɛn mmerante na manturu mmabaa.
5
Misraim te nka ara pɛ, ebedi Tiro asɛm no ho yaw kɛse.
6
Muntwa nkɔ Tarsis, mo mpoanofo, muntwa adwo.
7
So eyi ne mo ahurusidi kurow a efi tete bemee ne nan de no dɔɔ mu kɔɔ akyirikyiri kɔtenaa hɔ no?
8
Hena na ɔbɔɔ ne tirim pɔw yi hyɛɛ Tiro abotirimafo no, a n’aguadifo yɛ mmakoma ara nko, na n’adetɔnfo yɛ asase so anuonyamfo ara nko no?
9
Asafo AWURADE abɔ ne tirim, sɛ obegurow ahoɔfɛ ne ahantan nyinaa, na wahura asase so anuonyamfo nyinaa ho.
10
Twam kɔ w’asase so sɛ Nil; O Tarsis ahyɛn nkyekyeremu bi nni hɔ bio.
11
Wateɛ ne nsa akyerɛ po so, wawosow ahenni horow, AWURADE ahyɛ Kanaan so mmara sɛ wɔnsɛe n’abankɛse.
12
Na ɔkae sɛ: Nkɔ so nni ahurusi bio, Sidon ba ababaa a wɔabɔ wo adapaa. Sɔre na twam kɔ Kipro, mpo ɛhɔ nso worennya ɔhome.
13
Hwɛ, Kaldeafo asase no, ɔman yi a anka wɔnyɛ ɔman, Asiriafo ayi ama sare so mmoa, wosii wɔn abantenten wɔ so, wodwiridwiriw n’aban, na wɔma egui.
14
Mo Tarsis ahyɛn, muntwa adwo, na wɔasɛe mo aban.
15
Na da no ɛbɛba sɛ werɛ befi Tiro mfe aduɔson a ɛte sɛ ɔhene biako bere; mfirihyia aduɔson no akyi no, ɛbɛyɛ Tiro sɛ aguaman dwom no:
16
Fa ɔsanku kyin kurow mu, aguaman a werɛ afi wo, bɔ sanku dɛdɛ, na to dwom pii, nea ɛbɛyɛ na wɔakae wo.
17
Na mfe aduɔson no akyi no, AWURADE bɛba abɛhwɛ Tiro bio, na wasan anya n’apaade, na ɔne asase so ahenni a ɛwɔ asase ani nyinaa akɔbɔ aguaman bio;
18
na n’aguade ne n’apaade bɛyɛ kronkron ama AWURADE; wɔremfa mmɔ dwetiri, na wɔrentia; na n’aguade bɛyɛ wɔn a wɔte AWURADE anim no de, na wɔadi amee, na wɔafura ntama pa.
← Chapter 22
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 24 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66