bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 45
Isaiah 45
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 44
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 46 →
1
Saa na AWURADE ka kyerɛ nea wasra no Kores, nea maso ne nifa sɛ mɛbrɛ amanaman ase n’anim, na masansan ahene abɔso, sɛ mebue apon n’anim, ne nkurow apon, na wɔantoto mu no:
2
Medi w’anim, na mabrɛ mmepɔw no ase; mebubu kɔbere apon mu, na matwitwa dade adaban mu.
3
Na mede sum mu akorade ne aboɔdenne a ahintaw mɛma wo; na woahu sɛ me, AWURADE, mene nea mebɔɔ wo din mefrɛɛ wo no, Israel Nyankopɔn no.
4
M’akoa Yakob ne Israel a mapaw no nti na mede wo din mefrɛɛ wo, na mebɔɔ wo abodin no, nso wunnya nhuu me ɛ.
5
Mene AWURADE, na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko. Me na mema wo ahoɔden a wuhia, nso wunnim me,
6
na wɔahu afi awiapuei, ne atɔe nso, sɛ obiara nni hɔ gye me. Mene AWURADE, na obi nni hɔ bio.
7
Me na mebɔ hann, na mebɔ sum, mema asomdwoe, na mede amane ba; me, AWURADE, na meyɛ eyinom nyinaa.
8
Ɔsoro, momma trenee mfi soro nsosɔ, na emfi amununkum mu ntɔ; asase mmue, na ɛmfa ogye mmra, na ɛne trenee mmom mfifi: Me, AWURADE, na mebɔe.
9
Nea ɔne ne nwemfo ham, fam nkyɛmfɛre mu kyɛmfɛre no nnue! So dɔtebo ka kyerɛ ne nwemfo sɛ: Woyɛ dɛn? Anaa: W’adwuma no nni nsa?
10
Nea ɔka kyerɛ agya sɛ: Ɛdɛn na wowoe? Anaa ɔbea sɛ: Ɛdɛn na wokyem woe? No nnue!
11
Sɛ AWURADE, Israel kronkronni ne ne yɛfo no se ni: So mobebisa me nea menyɛ me mma ho; anaasɛ mobɛhyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?
12
Me na mebɔɔ asase, na mebɔɔ ɛso nnipa wɔ so; me na me nsa trɛw ɔsoro mu, na mehyɛ mu asafo nyinaa.
13
Me na mama Kores so trenee mu, na mɛteɛteɛ n’akwan nyinaa; ɔno na ɔbɛkyekye me kurow, na obegya me tukɔfo kwan a ɔrennye tiade anaa akyɛde bi, asafo AWURADE na ɔka.
14
Sɛ AWURADE se ni: Misraim adwumade ne Etiopia aguade a wonyae, ne Sebafo, mmarima atenten no, bɛsen aba wo nkyɛn abɛyɛ wo de. Wobedi w’akyi; nkyehama mu na wɔbɛsen aba abɛsɔre wo, na wɔabɔ wo mpae sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni baabi.
15
Ampa ara, wone Nyankopɔn a woahintaw, Israel Nyankopɔn, ogyefo no.
16
Wɔn nyinaa ani bewu na wɔabɔ ahohora, ahonidwumfo nyinaa bɛbom abɔ ahohora.
17
AWURADE de daa daa nkwagye agye Israel; mo ani renwu na wɔremmɔ mo ahohora bio da biara da.
18
Na sɛ AWURADE se ni: Nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no, ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntena so, Mene AWURADE, na obi nni hɔ bio.
19
Ɛnyɛ ahintawee mu na mekasae, ɛnyɛ sum asase so baabi; manka mankyerɛ Yakob asefo sɛ: Monhwehwɛ me kwa! Mene AWURADE a mekasa nokware mu, meka nea ɛteɛ.
20
Munhyia mmra, mommom ntwiw mmɛn, mo a moafi mu, amanaman mu. Wonnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔbɔ onyame a ontumi nnye nkwa mpae.
21
Monkasa, monka mo asɛm: Ma wɔmmom ntu agyina. Hena na ɔma wɔtee eyi fi teteete na ɔkae fi tete bemee? So ɛnyɛ me, AWURADE? Na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko, Onyankopɔn a ɔteɛ na ogye nkwa; obi nni baabi gye me nko.
22
Monnan mo ho mmra me nkyɛn na wonnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa Na mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio.
23
Maka me ho ntam, trenee ano mu na asɛm afi, na ɛrensan, sɛ: Me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me, na tɛkrɛma nyinaa aka me ntam.
24
Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko na trenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo ahuru no nyinaa ani bewu.
25
AWURADE mu na Israel asefo nyinaa bedi bem ahyehye wɔn ho.
← Chapter 44
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 46 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66