bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 51
Isaiah 51
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 50
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 52 →
1
Muntie me, mo a mudi trenee akyi na mohwehwɛ AWURADE no: Monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo fii mu ne abopaebea a wotuu mo fii mu no,
2
monhwɛ mo agya Abraham, ne Sara a ɔkyem woo mo no, sɛ ɔyɛ obiakofo na mefrɛɛ no, na mihyiraa no mema ɔdɔe.
3
Na AWURADE rekyekye Sion werɛ, ɔkyekye n’amamfo nyinaa werɛ, na wadan ne sare so sɛ Eden, ne n’anwea pradada sɛ AWURADE turom; wobehu mu ahosɛpɛw ne anigye, aseda ne dwonto.
4
Me nkurɔfo, muntie me, na me man, monyɛ aso mma me, na mmara befi me nkyɛn akɔ, na mama m’atemmu atim hɔ ayɛ aman hann.
5
Me trenee reba ntɛm, me nkwagye afi adi, na m’abasa bebu aman atɛn; me so na nsu ano aman ani da, na me basa na wɔtwɛn.
6
Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ asase wɔ fam, na ɔsoro bɛyera sɛ owusiw, na asase asuw sɛ atade, na ɛsofo awuwu sɛ nwansena, na me nkwagye bɛtena hɔ daa, na me trenee rensa da.
7
Muntie me, mo a munim trenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn koma mu, munnsuro ɔdasani ahohorabɔ na mommma wɔn ahiiyi nnyɛ mo ahopopo,
8
na ntummoa bɛwe wɔn sɛ atade, na abubummabaa adi wɔn sɛ kuntu; na me trenee bɛtena hɔ akosi daa, na me nkwagye afa awo ntoatoaso nyinaa mu.
9
Sɔre ɛ, sɔre ɛ, nya ahoɔden, AWURADE basa! Nyan sɛ kan nna no mu, teteete awo ntoatoaso mu. So ɛnyɛ wone nea otwitwaa Rahab na ohwirew asuboa kɛse no mu no?
10
So ɛnyɛ wone nea ɔmaa po yowee no, ebun kɛse mu nsu no; nea ɔde po ase yɛɛ ɔkwan maa wɔn a wɔagye wɔn sɛ wontwa no?
11
Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsan, na wɔde ahurusi aba Sion, na daa anigye bɛtena wɔn atifi; ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan.
12
Me ara mene mo werɛkyekyefo; hena ne wo na wusuro ɔdasani a owu ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wura?
13
Na wo werɛ afi AWURADE a ɔyɛɛ wo na ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa yi daa nyinaa, ɔhoguanfo abufuw nti, sɛnea ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribi, na ɛhe na ɔhoguanfo abufuw no wɔ?
14
Wɔbɛyɛ ntɛm ayi pokyerɛni, na ɔrenwu nkɔ Amoa mu, na n’aduan remmɔ no.
15
Na mene AWURADE, wo Nyankopɔn, a ɔhwanyan ɛpo ma n’asorɔkye yɛ hu no, asafo AWURADE ne ne din.
16
Na mede me nsɛm mahyɛ w’anom, na mede me nsa ase nwini makata wo so, na matrɛw ɔsoro mu na mahyɛ asase ase, na maka makyerɛ Sion sɛ: Me man ne wo.
17
Nyan ɛ, nyan ɛ! Sɔre ɛ, Yerusalem, wo a woanom AWURADE nsam n’abufuw kuruwa no; woanom ntintantɔ kuruwa no na woanom, ahwew mu.
18
Wannya obi ankogya no ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa mu bi ankogya no, na wannya obi anso ne nsa amfi ne mma a ɔyɛn wɔn no nyinaa mu.
19
Ade abien yi na ɛtoo wo, hena na obegyam wo? Ɔsɛe ne obubu ne ɔkɔm ne afoa: Mɛkyekye wo werɛ dɛn?
20
Wo mma totɔɔ piti boaboaa hɔ mmorɔn nyinaa twea so sɛ ɔforote, afiri mu, na AWURADE abufuhyew, wo Nyankopɔn animka, ayɛ wɔn amaama.
21
Enti tie eyi ɛ, wo a woapira, wo a woabow, nanso ɛnyɛ nsa.
22
Sɛ wo wura, AWURADE, ne wo Nyankopɔn a odi ma ne man no se ni: Hwɛ, migye wo nsam ntintantɔ kuruwa no, m’abufuhyew kuruwa no, worenkɔ so nnom bio.
23
Na mede bɛhyɛ w’ahawfo no nsa, hena na ɔka kyerɛɛ wo sɛ: Kotow, na yɛmfa wo so; na wode w’akyi too hɔ sɛ fam anaasɛ borɔn maa wɔn a wɔfa so no.
← Chapter 50
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 52 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66