bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 36
Isaiah 36
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 35
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 37 →
1
Na ɛbae sɛ ɔhene Hesekia afe a ɛto so dunan mu no, Asaria hene Senakerib tu baa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa so bɛfae.
2
Na Asaria hene somaa Rabsake no fii Lakis baa Yerusalem ɔhene Hesekia nkyɛn, na ɔde dɔm a emu yɛ duru bae; na obegyinaa atifi tare a ɛwɔ ɔtamahorofo asasewa tempɔn no so no suka ho.
3
Na Hilkia ba Eliakim a odi ofi no so ne ɔkyerɛwfo Sebna ne Asaf ba ɔsɛnkaefo Yoa, fii adi kɔɔ ne nkyɛn.
4
Na Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ: Sɛ ɔhenkɛse, Asaria hene no se ni: Dɛn koraa na wode wo ho to so yi?
5
Wususuw sɛ anosɛm nko yɛ akodi ho nyansa ne mmaninyɛ? Na afei, ɛhena so na wode wo ho to na wotew me so atua yi?
6
Hwɛ, wode wo ho ato Misraim so, demmire a abu a sɛ obi tweri a, ɛwɔ ne nsam hwirew mu no: Saa na Misraim hene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa.
7
Na sɛ wuse me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho to a, so ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔremuka, na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔremuka yi anim na monsɔre, no?
8
Na afei, wo ne me wura, Asaria hene, nto nkyia ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpennu, kyerɛ sɛ wubetumi ama nnipa atenatena wɔn so anaa.
9
Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo nti wode wo ho akɔto Misraim so yi, wobɛyɛ dɛn na woapam me wura nkoa nketewaa mu safohene biako?
10
Na afei, so mekwatii AWURADE na mebaa asase yi so sɛ mebɛsɛe no anaa? AWURADE na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Tu kɔ asase yi so kɔsɛe no.
11
Ɛnna Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa nkasa Arameik kasa mu, na yɛn de, yɛte, na nkasa Yuda kasa nkyerɛ yɛn mma nkurɔfo a wɔboa ɔfasu so no nnte.
12
Na Rabsake no se: Me wura asoma me wo ne wo wura ne mmarima a wɔtete ɔfasu yi so nkyɛn a wadome wɔn te sɛ mo, sɛ wonni wɔn ankasa sɛbew na wɔnnom wɔn dwensɔ sɛ mo ara?
13
Ɛnna Rabsake gyinae, na ɔde nne kɛse teɛɛm Yuda kasa mu sɛ: Muntie ɔhenkɛse, Asaria hene no, asɛm!
14
Sɛ ɔhene se ni: Mommma Hesekia nnnyigye mo, na ɔrentumi nnye mo,
15
nanso mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto AWURADE so sɛ: Ogye ara na AWURADE begye yɛn, wɔremfa kurow yi nhyɛ Asaria hene nsa.
16
Munntie Hesekia! Na sɛ Asaria hene se ni: Mo ne me nni asomdwoesɛm, na mumfi mmra me nkyɛn; ɛno na mo mu biara bedi n’ankasa ne bobe ne n’ankasa ne borɔdɔma, na wanom n’abura mu nsu
17
akosi sɛ mɛba mabɛfa mo makɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi so, awi ne nsa asase, aduan ne bobe nturo asase.
18
Na mommma Hesekia nnto mo tɛkrɛmakyene sɛ: AWURADE begye yɛn: So amanaman anyame mu biara agye n’asase afi Asaria hene nsam?
19
Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwaim anyame no wɔ, so wɔagye Samaria afi me nsam?
20
Nsaase yi anyame nyinaa mu henanom na wɔagye wɔn asase afi me nsam, na AWURADE rebegye Yerusalem afi me nsam?
21
Na wɔyɛɛ komm, na wɔammua no asɛm bi, efisɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛe ne sɛ: Mummmua no!
22
Ɛnna Hilkia ba Eliakim a odi ofi no so no ne ɔkyerɛwfo Sebna ne Asaf ba ɔsɛnkaefo Yoa de wɔn ntade a wɔasunsuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no.
← Chapter 35
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 37 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66