bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 52
Isaiah 52
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 51
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 53 →
1
Sion, nyan ɛ, nyan ɛ! Hyɛ w’ahoɔden! Yerusalem, kurow kronkron, hyɛ w’anuonyam atade! Na momonotoni ne nea ne ho ntew bi renkɔ so nhyɛn wo mu bio.
2
Yerusalem, poroporow wo ho mfutuma gu, sɔre, tena ase! Sion babea a wɔafa wo dommum, sansan wo kɔn mu nkyehama!
3
Na sɛ AWURADE se ni: Wɔantɔn mo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde begye mo.
4
Na sɛ AWURADE Nyankopɔn ka ni: Me man sian kɔɔ Misraim kan kɔyɛɛ hɔ ahɔho, na Asaria nso hyɛɛ wɔn so kwa.
5
Na afei, dɛn na mewɔ meyɛ wɔ ha, AWURADE asɛm ni, na wɔafa me man kwa yi? Wɔn a wodi wɔn so no teɛteɛm, AWURADE asɛm ni; na wɔka me din ho abususɛm daa yi, daa adesae.
6
Ne saa nti me man behu me din, ne saa nti da no ara wobehu sɛ me ara mene nea ɔka sɛ: Mini.
7
Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara! Ɔka asomdwoesɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagye asɛm, na ɔka kyerɛ Sion sɛ: Wo Nyankopɔn di hene!
8
Tie! W’awɛmfo bom ma wɔn nne so wɔde ahurusi bom to dwom; efisɛ wɔn ani tua sɛ AWURADE resan aba Sion.
9
Yerusalem amamfo, mommom nto anigye dwom, na AWURADE akyekye ne man werɛ, wagye Yerusalem.
10
AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.
11
Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa AWURADE nnwinne no.
12
Na ɛnyɛ ɔhare so na mubefi adi, na ɛnyɛ aguan so na mobɛnantew, na AWURADE redi mo anim, na Israel Nyankopɔn abɔ mo kyidɔm.
13
Hwɛ, m’akoa bedi yiye, ɔbɛsɔre na wɔama no so na wakorɔn sɛ.
14
Sɛnea wo ho yɛɛ nnipa pii ahodwiriw no, esiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa de, na ne nipaban nte sɛ nnipa mma de bio no nti,
15
saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ piriw, na ahene bemuamua wɔn ano wɔ ne ho, efisɛ nea wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wohu, na nea wɔntee da no, wɔte ase.
← Chapter 51
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 53 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66