bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 63
Isaiah 63
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 62
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 64 →
1
Hena ne oyi a ofi Edom reba, nea ne ntade bere kɔɔ a ofi Bosra reba yi? Oyi a wahoman, n’adurade mu, na ɔkyea, ne tumi kɛse mu yi? Ɛyɛ me a mekasa de ahosan akyerɛ otumfo a mikura nkwagye no.
2
Ɛdɛn na w’adurade bere sɛɛ, na wo ntade te sɛ nsa-kyi-amoa mu tiatiafo de yi?
3
Nsa-kyi-amoa no, me nko na matiatia mu, na aman sofo mu biara nka me ho; na mitiatiaa wɔn so m’abufuw mu, na mewɔw wɔn m’abufuhyew mu, na wɔn mu nsu abɔ apete me ntade mu, na akeka m’adurade nyinaa mu.
4
Na aweredi da bi wɔ me koma mu, na me gye afe no aba.
5
Na mehwɛe, nso na ɔboafo bi nni hɔ; na ɛyɛɛ me nwonwa sɛ obi nni hɔ a oso mu abia; ɛnna m’ankasa basa gyee me, na m’abufuhyew nso soo me mu abia.
6
Na mitiatiaa aman so, m’abufuw mu, na mema wɔbobowee, m’abufuhyew mu, na mihwiee wɔn mogya miguu asase so.
7
Mɛbɔ AWURADE adɔeyɛ din, AWURADE ayeyide no, sɛ ɛfata nea AWURADE ne yɛn adi no nyinaa, na maka Israel fi yiye pii a ɔde ayɛ wɔn no, sɛ n’ayamhyehye ne n’adɔeyɛde dodow no te no.
8
Na ose: Me man ara ne wɔn, mma a wɔrenni atoro, na ɔyɛɛ wɔn agyenkwa.
9
Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiaa no, na n’anim bɔfo no gyee wɔn; ne dɔ ne ne nkyɛeso mu na ogyee wɔn, na ɔmomaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa mu.
10
Na wɔn de, wɔtew atua na wɔhyɛɛ ne honhom kronkron no yaw, enti ɔdan wɔn ɔtamfo, na ɔno ara ne wɔn dii dɔm.
11
Ɛnna ne man kaee Mose tete nna no sɛ: Ɛhe na nea oyii wɔn ne ne nguankuw ahwɛfo no fii po mu no wɔ? Ɛhe na nea ɔde ne kronkronyɛ honhom sii wɔn mu no wɔ?
12
Nea ɔmaa n’anuonyam basa no dii Mose nifa, nea ɔpaee nsu mu, wɔn anim de gyee daa din fae no?
13
Nea ɔma wɔfaa ebun mu sɛ ɔpɔnkɔ fa anwea so na wɔanwatiri no?
14
AWURADE honhom ma wɔhomee sɛ mmoa a wosian kɔ obon mu. Saa na wokyerɛɛ wo man kwan de gyee anuonyam din fae.
15
Brɛ w’ani ase fi soro, na fi wo kronkronyɛ ne w’anuonyam tenabea hɔ hwɛ. Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninne no wɔ? W’ayamhyehye ne wo mmɔborohunu afi me ho.
16
Na wo ara wone yɛn agya; na Abraham nnim yɛn, na Israel nhu yɛn: Wo, AWURADE ara ne yɛn agya, yɛn gyefo ne wo din fi tete bemee.
17
O AWURADE, ɛdɛn nti na woma yefi wo kwan so kɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, na wupirim yɛn koma na yɛansuro wo? San bra, wo nkoa nti, w’agyapade mmusuakuw no nti.
18
Wo man kronkron kuraa wo kronkronbea no kakraa bi; yɛn ahohiafo atiatia so.
19
Yɛadannan sɛ wɔn a wunnii wɔn so da; sɛ wɔn a wɔmmɔɔ wo din wɔ wɔn so da.
← Chapter 62
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 64 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66