bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 57
Isaiah 57
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 56
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 58 →
1
Ɔtreneeni yera, na obi mfa nhyɛ ne koma mu, na wɔfa nnipa pa kɔ, na obi nte ase, na woyi ɔtreneeni no kɔ, fi bɔne a ɛbɛba no anim.
2
Ɔkɔ asomdwoe mu; wɔhome wɔn nnae so, wɔn a wɔanantew wɔn teeyɛ mu no.
3
Na mo de, muntwiw mmra ha, ɔbeabayifo mma, ɔwaresɛefo ne aguaman asefo.
4
Hena ho fɛw na mudi yi? Hena so na motɛɛtɛɛ mo anom na motwe mo tɛkrɛma mu yi? Ɛno, ɛnyɛ mmarato mma ne atoro asefo ne mo anaa?
5
Mo a mo ani yɛ hyew abosonnua ho, nnua frɔmfrɔm nyinaa ase, mukunkum mmofra asubon mu, abotan mpaepae ase;
6
asubon mu abo torotoro mu na wo kyɛfa wɔ, ɛno, ɛno ne wo ntonto, nso ɛno so na wuhwiee ahwiesa na wode ayɛyɛde gui, so eyinom so na me bo bedwo anaa?
7
Bepɔw sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so na wosɛw wo nnae, ɛhɔ ara nso na woforo kɔe kɔbɔɔ afɔre;
8
na wode wo nkae ade no sii ɔpon ne apongua mu fam, na wufii m’akyi koyii wo nnae so foroe, na wobaee mu na wo ne wɔn dii nea wubegye wɔn ano, wopɛɛ wɔne wo nna na wuhuu wɔn adagyaw mu.
9
Na wode ngo tuu kwan de kɔmaa ɔhene no, na womaa wo nnuhuam dɔɔso, na wosomaa w’abɔfo akyirikyiri, na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ asaman.
10
Wo kwantenten no nti wobrɛe, nanso woanka sɛ: Ɛho nni mfaso; wunyaa wo nsam akwahosan nti, anyɛ wo yaw.
11
Na hena nti na wo koma tui na wusuroe, na wudii atoro na woankae me amfa anhyɛ wo koma mu yi? So me de, ɛnyɛ komm a mifi tete mayɛ nti na wunsuro me yi?
12
Mɛka wo trenee ne wo nneyɛe makyerɛ, nso ɛrenyɛ wo mfaso bi.
13
Woteɛm a, ma w’abosompem a woaprapra aboa ano no nnye wo. Na mframa bɛsoa wɔn nyinaa, ohuw bɛfa wɔn akɔ; na nea oguan toa me no benya asase adi, na wanya me bepɔw kronkron atena so.
14
Na wɔbɛka sɛ: Muntu ngu so, muntu ngu so, mommɔ ɔkwan, munyi akwanside biara mfi me man kwan mu.
15
Na sɛ nea ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni: Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron, ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.
16
Na merenham nkosi daa, na me bo renhuru daa, na anka honhom bɛtɔ beraw, m’anim, ne akra a me ara na meyɛe.
17
N’anibere a ɛyɛ amumɔyɛ nti na me bo fuwii na mehwee no, mihintawee, na me bo hurui; nanso ɔkɔɔ so san n’akyi faa ne koma kwan so.
18
Mahu n’akwan, nso mɛsa no yare; mɛkyerɛ no kwan, na masan makyekye ne werɛ, na mabɔ anofafa so aba ama ne nkɔmmɔdifo.
19
Asomdwoe, asomdwoe nka nea ɔwɔ akyirikyiri ne nea ɔbɛn, AWURADE na ose, na mɛsa no yare.
20
Na abɔnefo te sɛ ɛpo a ehuru kutukutu; na entumi nyɛ komm, na emu nsu puw dontori ne dɔte gu.
21
Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo, me Nyankopɔn na ose.
← Chapter 56
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 58 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66