bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 22
Isaiah 22
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 21
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 23 →
1
Adehu bon no ho atemmusɛm: Ɛdɛn na ɛyɛ wo na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi?
2
Wo a huuyɛ ayɛ wo ma, hooyɛ kurow, ahosɛpɛw kurow, w’atɔfo antotɔ afoa ano, na wɔanwuwu ɔko mu.
3
Wo mmapɔmma nyinaa abom aguanguan kɔ; ɛnyɛ ta na wɔde kyeree wɔn. Wo nnipa a wohuu wɔn no nyinaa, woguan kɔɔ akyirikyiri, nso wɔkyeree wɔn nyinaa.
4
Enti na mise: Munyi mo ani mfi me so na minsu osu yawyaw. Monnhaw mo ho sɛ mobɛkyekye me werɛ, me man babea no sɛe ho.
5
Na AWURADE, asafo AWURADE wɔ da bi, ɛyɛ hooyɛ ne ntiatiaso ne ahoyeraw da, adehu bon no mu, wodwiriw fasu no, wɔteɛm ma egyigye mmepɔw so.
6
Na Elam so agyan kotoku mu de nteaseɛnam ne nnipa ne apɔnkɔfo reba, na Kir nso ayi kyɛm adi;
7
na nteaseɛnam bɛyeyɛ wo abon a ɛyɛ fɛ no amaama na apɔnkɔfo nso agyinagyina kurow pon ano.
8
Na obeyi Yuda so nkataho no. Na ɛda no, wode w’ani bɛto kwae fi no mu akode so,
9
na Dawid kurow no mu mpaepae no, mubehu sɛ ayɛ bebree, na moaboa ase tare no mu nsu ano;
10
na mobɛkan Yerusalem adan, na moaburuw adan no, sɛ mode rewowaw fasu no;
11
na mubetwa ɛkɔ wɔ afasu abien no ntam ama ɔtare dedaw no mu nsu no, nanso morenhwɛ nea ɔyɛɛ ade no, na nea teteete no ɔhyehyɛe no, moremmu no.
12
Na ɛda no, AWURADE, asafo AWURADE, frɛɛ nnipa baa osu ne adwotwa ne tikwawbɔ ne atweaatamfura mu,
13
Na hwɛ, ahosɛpɛw ne anigye, anantwi menetwa ne nguan kum, namdi ne nsanom ni: Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.
14
Na asafo AWURADE ayi me asitiw sɛ: Wɔremfa amumɔyɛ yi mfiri mo kosi bere a mubewuwu: AWURADE, asafo AWURADE, na ose.
15
Sɛ AWURADE, asafo AWURADE, se ni: Kɔ ofie panyin Sebna yi a odi ofi no so no nkyɛn sɛ:
16
Ɛdɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na ɛhena na wowɔ no ha na woretwa ɔboda wɔ ha afa? Ɔretwa ɔboda wɔ nea ɛkorɔn, ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu!
17
Hwɛ, AWURADE bɛtow wo akyene anibere so, Yiw ɔbran katakyi obeso wo mu dennen,
18
na wahwim wo atow wo sɛ okowa akyene asase a ɛtrɛw so, ɛhɔ na wobɛkɔ akowu, na ɛhɔ na w’anuonyam nteaseɛnam bɛkɔ, wo a woyɛ wo wura fi ahohora.
19
Na mesum wo afi wo sibea, na wɔadwiriw wo afi wo gyinabea.
20
Na ɛbɛba da no sɛ mɛfrɛ m’akoa Hilkia ba Eliakim maba,
21
na mede wo batakari mahyɛ no, na mede w’abɔso mabɔ no so, na mede wo panyinni mahyɛ ne nsa, na wayɛ agya ama Yerusalemfo ne Yuda fi.
22
Na mede Dawid fi safe mato ne mmati, na wahiɛ, na obi anto mu, na wato mu, na obi anhiɛ.
23
Na mɛyɛ no sɛ bofunnua mabɔ nea ɛhɔ yɛ den, na wayɛ anuonyam agua ama n’agya fi;
24
na wɔde n’agya fi anuonyam nyinaa bɛma no, n’asefo ne mmanana nyinaa, nneɛma nketenkete nyinaa, efi nyowa so kosi nhina nyinaa so.
25
Ɛda no, asafo AWURADE na ose, bofunnua a wɔde abɔ nea ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn, na wɔabu ahwe fam, na adesoa a ɛsɛn so no asɛe, efisɛ AWURADE na waka.
← Chapter 21
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 23 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66