bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 59
Isaiah 59
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 58
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 60 →
1
Hwɛ, AWURADE nsa nyɛ tiaa a ɛnso ogye, na n’aso nyɛ duru a ɛrente asɛm,
2
na mmom mo amumɔyɛ ne nea ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam pan, na mo bɔne na akata n’ani afi mo ho a enti ontie.
3
Na mogya akeka mo nsam, na amumɔyɛ agu mo nsatea ho fi; mo ano keka atosɛm, mo tɛkrɛma woro nkontompo.
4
Obiara nsamena asɛntrenee so, na obiara nni asɛm nokware so; wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuw; wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu.
5
Wosow ɔkyereben nkesua, na wɔnwene ananse ntontan; nea odi wɔn nkesua wu, na wotia bi so a, ɛpae ahurutoa.
6
Wɔn ntontan no renyɛ atade, na nnipa remfa nea wɔyɛ nkata wɔn ho; wɔn nnwuma yɛ abusudwuma, na akokobirisɛmdi wɔ wɔn nsam.
7
Wɔn anan tutu mmirika kɔyɛ bɔne, na wɔyɛ ntɛm kohwie mogya a edi bem gu; wɔn adwene yɛ abusudwene, ɔsɛe ne obubu wɔ wɔn atempɔn mu.
8
Asomdwoe kwan de, wonnim, na atɛntrenee nni wɔn akwan mu; wɔayɛ wɔn akwan akɔntɔnkye, obiara a ɔfa so nnim asomdwoe.
9
Enti na atemmu ne yɛn ntam aware, na trenee nso nto yɛn no; yɛtwɛn hann, na hwɛ, esum ni, ne ɔhyerɛn nso, na sum kabii mu na yɛnam.
10
Yɛkeka ɔfasu ho sɛ anifuraefo, na yenyamae sɛ wɔn a wonni aniwa; yehintiw awia ketee sɛ kusuu mu, yehinhim ahoɔdenfo mu sɛ awufo.
11
Yɛn nyinaa po so sɛ asisi, na yesisi apini sɛ mmorɔnoma; yɛtwɛn atemmu, nso ebi nni hɔ, ne nkwagye, nso ɛne yɛn ntam ware.
12
Na yɛn mmaratode dɔɔso w’anim, na yɛn bɔne di yɛn adanse tia yɛn; na yɛn mmaratode da yɛn anim, na yɛn amumɔyɛde nso, yenim.
13
Yɛato AWURADE mmara atwa no nkontompo, na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi; yɛkasa nhyɛso ne mfomso kasa, yesusuw atosɛm wɔ koma mu yi no adi.
14
Na wɔde atemmu asan akyiri kɔ, na trenee akogyina akyirikyiri; na nokware ahwe ase gua so, na nea ɛteɛ ntumi mma mu.
15
Na nokware ayɛ ade a ɛho yɛna, na nea ɔtwe ne ho fi bɔne ho no, wɔfow no. Na AWURADE hui, na ɛyɛɛ n’ani so bɔne sɛ atemmu bi nni hɔ,
16
na ohui sɛ obiara nni hɔ, na ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ɔkamafo bi nni hɔ; ɛnna ne basa gyee no, na ne trenee wowaw no.
17
Na ɔhyɛɛ trenee sɛ nkatabo, na nkwagye dade kyɛw hyɛɛ ne ti, na ɔhyɛɛ aweredi atade kataa ne ho, na ofuraa ninkuntwe sɛ ntama.
18
Sɛ wɔyɛe no, saa ara na ɔbɛhyɛ wɔn ananmu de abufuhyew ama n’ahohiafo, ne akatua ama n’atamfo; mpoano aman nso, ɔde akatua bɛhyɛ wɔn ananmu.
19
Na wobesuro AWURADE din afi atɔe, ne n’anuonyam afi owia puebea, na ɔbɛba sɛ asu a ano yɛ den a AWURADE ahum de reba.
20
Na ɔbɛba sɛ ogyefo ama Sion ne Yakob mu wɔn a wɔsan fi mmarato mu no, AWURADE asɛm ni.
21
Na me de, eyi ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ose: Me honhom a ɛwɔ wo so no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anom no, ɛremfi w’anom ne w’asefo anom ne w’asefo asefo anom, AWURADE na ose, efi sesɛɛ de bɛkɔ akosi daa.
← Chapter 58
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 60 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66