bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 65
Isaiah 65
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 64
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 66 →
1
Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyi kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wobehu me. Mekae sɛ: Mini, mini, mekyerɛɛ ɔman a wɔammɔ me din no.
2
Mebae me nsam daa adesae mekyerɛɛ ɔman asowuifo, wɔn a wɔnam ɔkwan a enye so di wɔn adwene akyi;
3
ɔman a woyi me ahii m’anim daa yi, wɔbobɔ afɔre nturo mu, na wɔhyew nnuhuam ntayaa so,
4
wɔtenatena adamoa mu, deda nkokoam, wodi prakonam, na akyide nkwan wɔ wɔn nkutu mu,
5
wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho tew sen wo no. Eyinom ne me hwene mu wusiw, ogya a ɛdɛw daa adesae.
6
Hwɛ, wɔakyerɛw wɔ m’anim: Merenyɛ komm, na metua so ka, yiw, metua so ka magu wɔn kokom.
7
Mɛka mo amumɔyɛde ne mo agyanom amumɔyɛde mabom matua so ka, AWURADE na ose; sɛ wɔahyew aduhuam wɔ mmepɔw so na wɔasopa me wɔ nkoko so nti, mesusuw wɔn kan nsɛnnii no so magu wɔn kokom.
8
Sɛ AWURADE se ni: Sɛnea nsa ba bobe aba kasiaw mu a, wɔka sɛ: Nsɛe no, na nhyira wɔ mu no, saa na me nkoa nti mɛyɛ, na mansɛe wɔn nyinaa.
9
Na meyi asefo mafi Yakob mu, ne me bepɔw sodifo mafi Yuda mu, na wɔn a mapaw wɔn no bedi so, na me nkoa atena hɔ.
10
Na Saron bɛdan nguankuw adidibea, na Akor bon no ayɛ anantwi dabea ama me man a wɔhwehwɛ m’akyi kwan no.
11
Na mo a mugyaw AWURADE na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no na motow pon ma siade bosom na mohyɛ mfrasa nkuruwa amaama ma hyɛbea bosom no,
12
me nso mede mo mɛma afoa, na mo nyinaa moakotow ama okum; efisɛ mefrɛe, na moannye so, mekasae, na moantie, na moyɛɛ nea ɛyɛ m’ani so bɔne, na nea mempɛ na mopawee.
13
Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me nkoa bedidi, na mo de, mubedi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo de, mubedi sukɔm; hwɛ, me nkoa ani begye, na mo de, mo ani bewuwu;
14
hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom, na mo de, mode koma mu yaw bɛteɛm, na mode honhom a abubu asu yɔɔ.
15
Na mubegyaw mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mapaw wɔn, na AWURADE Nyankopɔn bekum wo, na wato ne nkoa din foforo,
16
na ama nea ohyira ne ho asase so no ahyira ne ho nokwaredi Nyankopɔn mu, na nea ɔka ntam asase so no aka nokwaredi Nyankopɔn no ntam, na wɔn werɛ befi kan amanehunu no, na ahintaw afi m’anim.
17
Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo, na wɔrenkae kan de no na ɛremma adwene mu bio;
18
na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daadaa, ade a merebɔ no nti; na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi, ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw.
19
Na medi Yerusalem ho ahurusi, na me ho asɛpɛw me me man ho, na wɔrente osu ne nteɛteɛm wɔ mu bio.
20
Wɔrenhu emu abotafowa a ne nna nware bio, anaa akwakoraa a wanwie ne nna di; na aberante bedi mfirihyia ɔha ansa na wawu, na ɔdebɔneyɛfo a wadi mfe ɔha mpo no yɛ nea wɔadome no.
21
Na wobesisi adan atena mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.
22
Wɔrensisi adan mma obi ntena mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛware ayɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.
23
Wɔrenyɛ adwumahunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu, efisɛ wɔyɛ wɔn a AWURADE ahyira wɔn no asefo, wɔne wɔn mma.
24
Na wonnya mfrɛe no, megye so; wɔda so rekasa no, metie.
25
Habɔdɔm ne oguammaa bedidi faako, na gyata awe wura sɛ nantwi; na ɔwɔ de, dɔte na ɛbɛyɛ n’aduan; wɔrempira na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, AWURADE na ose.
← Chapter 64
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 66 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66