bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 28
Isaiah 28
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 27
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 29 →
1
Efraim asabofo ahantan abotiri, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren a ɛretwam no nnue, kurow a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no srade bon atifi no.
2
Hwɛ, Awurade wɔ ɔhoɔdenfo ne otumfo bi, sɛ amparuwbo a ɛregu, ahum a ɛsɛe ade; ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ osutɔ a ɛde nsu bebree a ɛyɛ den a ɛsram so ba no.
3
Na wobetiatia Efraim asabofo ahantan abotiri no so,
4
na n’ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren a ɛretwam a ɛwɔ srade bon atifi no ayɛ sɛ borɔdɔmakan a tew bere nnya nnui a obiara a ohu no nsa ka ara pɛ na wadi.
5
Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ anuonyam abotiri ne ahoɔfɛ ahenkyɛw ama ne man nkae no,
6
ne atemmu honhom ama nea watena ase rebu atɛn no, ne mmaninyɛ ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsan kɔ wɔn kurow pon ano no.
7
Na eyinom nso de nsa retɔ ntintan, na wɔde mpahyewa rehinhim, ɔsɔfo ne odiyifo de mpahyewa retɔ ntintan, nsa amene wɔn, mpahyewa nti wohinhim, wɔtɔ ntintan, adehu mu, wɔpo dodow asenni mu.
8
Na ɛfe ne efi ayeyɛ apon nyinaa so ma a ɔkwan nni hɔ.
9
Ɛhena na ɔbɛkyerɛ no nimdeɛ, na hena nso na ɔbɛma wate asɛnka no ase? Wɔn a wɔatwa wɔn nufu, wɔn a wɔatew wɔn afi mpokua ano?
10
Na mmara akyi mmara, mmara akyi mmara; ahyɛde akyi ahyɛde, ahyɛde akyi ahyɛde; ɛha kakra, ɛhɔ kakra.
11
Na apɔtɔfo ano ne tɛkrɛma foforo na ɔde bɛkasa akyerɛ ɔman yi;
12
ɔno na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔhome ni! Momma nea wabrɛ nhome! Na ahodwo ni! Nanso wɔampɛ sɛ wotie no.
13
Enti AWURADE asɛm bɛdan wɔn mmara atia mmara, mmara atia mmara, ahyɛde atia ahyɛde, ahyɛde atia ahyɛde, ɛha kakra, ɛhɔ kakra, na wɔakɔ akopini nkyirinkyiri, na wɔabubu wɔn, na wɔatotɔ afiri mu, na wɔakyekyere wɔn.
14
Enti muntie AWURADE asɛm, mo afɛwdifo a mudi ɔman a ɛwɔ Yerusalem yi so.
15
Na moka sɛ: Yɛne owu apam, na yɛne asaman adi kasasie; mpire a ɛhwe tra so no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so.
16
Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede ɔbo bi atim Sion, ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ, twea bo a ne bo yɛ den a etim hɔ tim pa ara, nea ogye di no renguan.
17
Na mede atemmu mɛyɛ susuhama, na mede trenee mayɛ nsenia, na amparuwbo ahum behwim atoro guankɔbea no, na hintabea no nso, nsu bɛsram so;
18
na mo ne owu apam no so bɛpopa, na mo ne asaman kasasie no rennyina mpire a ɛhwe tra so no, sɛ ɛretwam a, ebetiatia mo so;
19
mpɛn dodow a ɛretwa mu no, ɛbɛfa mo, efisɛ daa anɔpa, awia ne anadwo na ebetwam; na ɛho kaseɛ asete bɛyɛ ehu ara nko.
20
Na mpa no nware sɛ obi bɛteɛ ne mu wɔ so, na mmuatam no nso sɛ ɔde bebum no so.
21
Na AWURADE bɛsɔre sɛ ɔyɛe Perasim bepɔw so no, na ne bo ahuru sɛ Gibeon bon mu no, na wayɛ n’ade bi a ɛyɛ anwonwade, na wayɛ adwuma bi a ɛyɛ ananadwuma.
22
Na afei munnni fɛw bio, na mo nkyehama no mu anyɛ den. Na mate ɔsɛe pasaa a wɔasua ato hɔ, AWURADE, asafo AWURADE no nkyɛn, sɛ ɛreba asase nyinaa so.
23
Monyɛ aso na muntie me, monwɛn mo aso ntie m’asɛm.
24
So daa nyinaa na ɔfɛtɛwfo fɛtɛw sɛ obegu n’aba? Ofuntum siesie n’asase ani daa a?
25
So ɛnyɛ sɛ, ɔma ani taa wie a, ogu ɛme na ɔpete tɛtɛ, na odua awi kyerɛpɛn kyerɛpɛn, ne atoko nso wɔ n’afa, ne eyi wɔ afuw no ano?
26
Efisɛ wɔakyerɛ no ne yɛbea a eye, ne Nyankopɔn na ɔkyerɛɛ no.
27
Na ɛnyɛ awiporow ade na wɔde porow ɛme, na teaseɛnam nan mfa tɛtɛ so; na poma na wɔde boro me, na wɔde abaa boro tɛtɛ.
28
Wɔyam abodoo aburow, na wɔnna ho mporow no daapem; na sɛ obi teaseɛnam nan ne n’apɔnkɔ na ɛpete mpo a, ɛnyɛ ɔno na ɔyam.
29
Eyi nso, asafo AWURADE nkyɛn na efi; n’agyinatu yɛ nwonwa, na ne nyansa nni ano.
← Chapter 27
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 29 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66