bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Isaiah 32
Isaiah 32
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 31
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 33 →
1
Hwɛ, trenee so na ɔhene bi bedi hene, na asafohene nso, atemmu so na wobedi asafohene.
2
Na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.
3
Na wɔremfura adehufo aniwa, na wɔn a wɔte asɛm aso bɛwɛn;
4
na adwenharefo a ɛpere asɛm ho benya nhumu na dodowpofo tɛkrɛma akasa turodoo a emu tew.
5
Wɔremfrɛ ogyennyentwi sɛ bapɔmma bio, na wɔrenka sɛ ɔdaadaafo yɛ ɔdɛɛfo.
6
Na ogyennyentwi ka agyennyentwisɛm na ne koma dwen amumɔyɛsɛm, sɛ obedi ahuhusɛm na waka AWURADE ho asɛm a ɛnteɛ, sɛ ɔbɛma nea odi kɔm kra ada mpan, na wama anonne abɔ nea odi sukɔm.
7
Na ɔdaadaafo akwan yɛ bɔne, ɔbɔ ne tirim pɔw bɔne, sɛ ɔde atosɛm bɛsɛe mmɔboroni ne ohiani a ɔka nokware.
8
Na ɔdɛɛfo dwen ayamye, na ayamye ara na ɔde gyina.
9
Mo mmea a mote hɔ dwoodwoo no, monsɔre ntie me! Mmabea a mo ho dwo mo, monyɛ aso mma m’asɛm.
10
Afe ne akyi nna bi mu no, mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo, na bobe abatew to betwa, nnuaba anoboa remma bio.
11
Mo mmabaa a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho mpopo, mo a mo ho dwo mo, mo ho mpopo! Mompa mo ho, monyeyɛ kwaterekwa, momfa atweaatam mmobɔ mo asen.
12
Mommobɔ mo koko, mfuw afɛfɛ no nti, bobe nnua a ɛsow pii no ntia.
13
Nsɔe ne nguare fuw me man asase no so, anigye kurow no mu anigye adan nyinaa so po.
14
Na aban fɛfɛ no bɛda ntuw, wobegyaw kurow a nnipa dɔɔsɔ wɔ mu, ne koko ne ɔwɛn aban bɛdan atu de akosi daa, sare so mfurum anika ne mmoakuw adidibea.
15
Ɛde rekosi sɛ wobefi soro ahwie honhom no agu yɛn so, na sare so adan asasebere a ɛma nnɔbae, na wɔabu asasebere a ɛma nnɔbae sɛ kwae;
16
na atemmu bɛtena sare so, na trenee nso atena asasebere a ɛma nnɔbae no mu;
17
na trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ komm ne ahotoso akosi daa;
18
na me man bɛtena asomdwoe fi, ne ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea.
19
Na amparuwbo begu da a kwae no bɛhwe fam no, na wɔbɛbrɛ kurow no ase korakora.
20
Nhyira ne mo a mugu aba, asu nyinaa ho, na moma nantwi ne afurum nantew kwa.
← Chapter 31
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 33 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66